Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 8:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na asu no bɛdɔ mpɔtorɔ manyamanya, na wɔafoforo aba wo fi ne wo dabekyiri ne wo mpa so ne wo nkoa afi ne wo nkurɔfo mu ne w'afononoo mu ne wo mmɔre akorow mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na asuo no bɛdɔre mponkyerɛne pii, na wɔafoforo aba wo fie ne wo dabekyire, wo mpa so, wo nkoa afie, wo nkurɔfoɔ mu, w’afononoo mu ne wo mmɔre nkodoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Mpɔtorɔ bɛhyɛ Asubɔnten Nil ma. Wɔbɛba wʼahemfi, na wɔakɔ mo mpia mu, na afoforo akɔ mo mpa so, mo nkurɔfo ne mpanyimfo afi mu, ne mo fononoo ne nea mode fɔtɔw asikresiam nyinaa amaama.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na asuo no bɛdɔre mponkyerɛne pii, na wɔafoforo aba wo fie ne wo dabekyire, wo mpa so, wo nkoa afie, wo nkurɔfoɔ mu, w’afononoo mu ne wo mmɔre nkodoɔ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔbɛyɛ Asubɔnten Nil ma, na wɔabɛhyɛ mo afie ma ma, na wɔakɔ mo mpia mu, na afoforɔ akɔ mo mpa so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na asu no bɛdɔ mpɔtorɔ manyamanya, na wɔafoforo aba wo fi ne wo dabekyiri ne wo mpa so ne wo nkoa afi ne wo nkurɔfo mu ne w'afononoo mu ne wo mmɔre akorow mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 8:3
8 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene babea Yehosabat faa Ahasia ba Yoas, na owiaa no fii ɔhene mma a wɔrekum wɔn no mu, na ɔde no ne ne gyigyefo hyɛɛ pia mu. Na sɛ ɔhene Yehoram babea Yehosabat a ɔyɛ ɔsɔfo Yehoiada yere no yɛ Ahasia nuabea nti, ɔde no hintaw fii Atalia anim na wankum no.


Wɔn asase dɔɔ mponkyerɛn manyamanya ma wɔbaa wɔn ahene mpia mu.


na wɔabɛyeyɛ w'afi mu ne wo nkoa nyinaa afi mu ne Misraimfo nyinaa afi mu amaama sɛnea w'agyanom ne w'agyanom agyanom nhuu bi pɛn fi da a wɔbaa asase so de bedu nnɛ. Na ɔdan ne ho fii Farao anim.


Na ɔman no soasoaa wɔn mmɔre ansa na ɛrekaw kyekyeree wɔn mmɔre akorow wɔ wɔn ntama mu de sisii wɔn kɔn ho.


Na Farao nso frɛfrɛɛ anyansafo ne ntafowayifo bae. Na wɔn Misraim akɔmfo no nso de wɔn asumansɛm yɛɛ saa ara.


Na mpɔtorɔ no befi wo ne wo fi ne wo nkoa ne wo man so; asu no mu nko na wɔbɛka.


Na sɛ woampene amma wɔankɔ a, hwɛ, mede mpɔtorɔ mɛhaw w'asase nyinaa.


Na wo ne wo manfo ne wo nkoa nyinaa so na mpɔtorɔ no bɛforo aba.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan