Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 7:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na me de, mepirim Farao koma, na mama me nsɛnkyerɛnne ne m'anwonwade adɔɔso Misraim asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na me deɛ, mɛpirim Farao akoma, na mama me nsɛnkyerɛnneɛ ne m’anwanwadeɛ adɔɔso Misraim asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na mepirim Farao koma, na mayɛ anwonwade ahorow bebree wɔ Misraim

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na me deɛ, mɛpirim Farao akoma, na mama me nsɛnkyerɛnneɛ ne m’anwanwadeɛ adɔɔso Misraim asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na nna no mu, mɛma Farao ayɛ akomaden, na mayɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree wɔ Misraim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na me de, mepirim Farao koma, na mama me nsɛnkyerɛnne ne m'anwonwade adɔɔso Misraim asase so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 7:3
25 Iomraidhean Croise  

Na woyɛɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade, Farao ne ne nkoa nyinaa ne n’asase sofo nyinaa so, na wuhui sɛ wɔadi wɔn so ahantansɛm; na wugyee din sɛ ɛte nnɛ yi.


Ɔmaa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade baa wɔ, Misraim, mfinimfini, Farao ne ne nkoa nyinaa so.


Ɔyɛɛ anwonwade wɔn agyanom anim, Misraim asase so, Soan petee mu.


Na Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi nyinaa wɔ Farao anim, na AWURADE pirim Farao koma, na wamma Israelfo no amfi n'asase so ankɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Farao rentie mo, na ama m'anwonwade adɔɔso wɔ Misraim asase so.


Na mepirim Farao koma ma watiw wɔn, na mɛhyɛ m'anim nyam Farao ne ne dɔm nyinaa so, na Misraimfo ahu sɛ mene AWURADE. Na wɔyɛɛ saa.


Enti mɛteɛ me nsa de m'anwonwade a mɛyɛ wɔ hɔ no nyinaa mabobɔ Misraim, na ɛno akyi na ɔbɛma moakɔ.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ wosan kɔ Misraim a, hwɛ na yɛ anwonwade a mede mahyɛ wo nsa no nyinaa Farao anim; na me de, mepirim ne koma, na ɔremma ɔman no nkɔ.


Na Mose ne Aaron kɔ kɔboaboaa Israelfo mpanyimfo nyinaa ano.


Na ose: Fa wo nsa san hyɛ wo kokom! Na ɔsan de ne nsa hyɛɛ ne kokom, na oyi fii ne kokom, na hwɛ, adan sɛ ne honam ara.


Na Farao koma pirimii ara, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no.


Nanso eyi nti na mema wugyina hɔ, sɛ meyi me tumi adi makyerɛ wo, na wɔaka me din ho asɛm asase nyinaa so.


Ɔhene koma te sɛ asuten, AWURADE nsam, baabiara a ɔpɛ no na ɔdan kɔ.


Sɔre ɛ, sɔre ɛ, nya ahoɔden, AWURADE basa! Nyan sɛ kan nna no mu, teteete awo ntoatoaso mu. So ɛnyɛ wone nea otwitwaa Rahab na ohwirew asuboa kɛse no mu no?


Mɛma wɔahu anwonwade sɛ nna a wufii Misraim asase so bae no.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhu nsɛnkyerɛnne ne nkonyaa a, morennye nni.


Israel mmarima, muntie nsɛm yi! Yesu, Nasareni no, ɔbarima a Onyankopɔn de ahoɔdenne ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a ɔno Nyankopɔn no ara nam no so yɛe mo mu, yii no kyerɛɛ mo, sɛnea mo ankasa nso munim no,


Ɔno ara na ɔde wɔn fii adi yɛɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne Misraim asase so, ne Ɛpo Kɔkɔɔ mu ne sare so mfirihyia aduanan.


nsɛnkyerɛnne ne anwonwade tumi so, Honhom tumi so; na maka Kristo asɛmpa no awie fi Yerusalem ne nkurow a atwa ho ahyia so akodu Iliriko.


Ɛnne na nea ɔpɛ na ohu no mmɔbɔ, na nea ɔpɛ na ɔma ne koma yɛ den.


Anaasɛ onyame bi asɔ ahwɛ sɛ ɔbɛkɔ akoyi ɔman bi afi ɔman bi mu afa, sɔhwɛ horow, nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne akodi ne nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ ne ahodwiriwde akɛse mu, sɛnea AWURADE wo Nyankopɔn yɛ maa mo Misraim wɔ mo anim no anaa?


sɔhwɛ akɛse a w’aniwa hui ne nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛ mu a AWURADE wo Nyankopɔn de yii wo no; saa nso na AWURADE wo Nyankopɔn bɛyɛ aman a wusuro wɔn no nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan