Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




2 Mose 2:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ontumi nkora no so bio no, ɔfaa mmɛw adaka bi de ama ne mannɔ sraa ho, na ɔde abofra no too mu, na ɔde kɔtoo wura mu wɔ asubɔnten no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔntumi nkora no bio no, ɔfaa mmɛwa adaka bi de ama ne ɛhyɛ sraa ho, na ɔde abɔfra no too mu, na ɔde kɔsii wira mu wɔ asuo no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Eduu bere bi no, na ɔde no sie a ɛnyɛ yiye nti, ɔde mfea nwenee kɛntɛn bi de ɛhyɛ ne ama faa ho sɛnea ɛbɛyɛ a, nsu rentumi nkɔ mu. Ɔde abofra no too mu de no kosii asu Nil konkɔn so wɔ wura a na ɛwɔ hɔ no bi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔntumi nkora no bio no, ɔfaa mmɛwa adaka bi de ama ne ɛhyɛ sraa ho, na ɔde abɔfra no too mu, na ɔde kɔsii wira mu wɔ asuo no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛduruu ɛberɛ bi no, na ɔde no sie a ɛnyɛ yie enti, ɔde mmɛwa nwonoo kɛntɛn bi de ɛhyɛ ne aman faa ho sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nsuo ntumi nkɔ mu. Ɔde abɔfra no too mu de no kɔsii asuo Nil konkɔn so wɔ wura a na ɛwɔ hɔ no bi mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ontumi nkora no so bio no, ɔfaa mmɛw adaka bi de ama ne mannɔ sraa ho, na ɔde abofra no too mu, na ɔde kɔtoo wura mu wɔ asubɔnten no ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




2 Mose 2:3
10 Iomraidhean Croise  

Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Wiɛ, momma yɛnyɛ ntayaa, na yɛnto! Na ntayaa no yɛɛ wɔn abo, na ama yɛɛ wɔn dɔte.


Na Sidim bon mu yɛ ama amoamoa ara nko. Na Sodom ne Gomora ahemfo guanee. Na ebinom totɔɔ amena no mu, na wɔn a aka no guan kɔɔ bepɔw so.


Fa ɔwawa yɛ adaka, na yɛ mpia wɔ adaka no mu, na fa ama tare emu ne ɛho.


Ɛnna Farao hyɛɛ ne man nyinaa sɛ: Ɔbabanin biara a wɔbɛwo no no, monkɔtow no nkyene asubɔnten Nil mu, na mmabea nyinaa de, momma wɔntena hɔ.


Wɔsoma abɔfo fa asubɔnten Nil ani a wɔtete sakran akorow mu de nam nsu ani no fa po so se: Abɔfo a mo ho yɛ hare, monkɔ ɔman a wɔyɛ atenten na wɔn ho akokwaw no nkyɛn, ɔman a wɔn ho yɛ hu fi ha de rekɔ no, ɔman a wɔwɔ tumi a wotiatia aman so a nsubɔnten atwitwa wɔn asase mu no.


na nsubɔnten no bɛbɔn, na Misraim nsuka no atwe asa nnemmire ne sakran benyinnyam.


na kumaforote bɛdan atare, na asase kesee ayɛ nsuwansuwa; sakraman tenabea a wobutuwii no, wura befifi ayɛ sɛ demmire ne nkyɛkyerɛ.


Na wofii hɔ kɔe no, hwɛ, Awurade bɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef ɔdae mu sɛ: Sɔre fa abofra no ne ne na, na guan kɔ Misraim, na kɔtena hɔ kosi sɛ mɛka makyerɛ wo; efisɛ Herode rebɛhwehwɛ abofra no akum no.


Na Herode hui sɛ anyansafo no agoru ne ho no, ne bo fuwii pii; na ɔsoma ma wokokunkum mmofra a wɔ Betlehem ne n’ahye so a wɔadi mfe abien ne wɔn a wonnya nnii saa no nyinaa sɛnea bere no a obisabisaa anyansafo no kyerɛe no.


Ɔno na ɔde anitew hyɛɛ yɛn nkurɔfo so, na ɔyɛɛ yɛn agyanom bɔne, na ɔma wɔtotow wɔn mma nkokoaa gui, na amma wɔannya nkwa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan