Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 9:9 - KYERƐW KRONKRON

9 (Kan no Israel, sɛ obi rekobisa Onyankopɔn hɔ ade a, ɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ ɔdehufo no nkyɛn; ɔno na nnɛ yi wɔfrɛ no odiyifo no, kan no na wɔfrɛ no ɔdehufo.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 (Akane no, Israel, sɛ obi rekɔbisa Nyankopɔn hɔ adeɛ a, ɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ ɔdehunufoɔ no nkyɛn; na deɛ nnɛ wɔfrɛ no odiyifoɔ no, akane no na wɔfrɛ no ɔdehunufoɔ).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 (Saa bere no, sɛ nnipa rekobisa Onyankopɔn hɔ ade a, wɔka se, “Momma yenkobisa adehuni” efisɛ saa bere no na wɔfrɛ adiyifo adehuni.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 (Akane no, Israel, sɛ obi rekɔbisa Nyankopɔn hɔ adeɛ a, ɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ ɔdehunufoɔ no nkyɛn; na deɛ nnɛ wɔfrɛ no odiyifoɔ no, akane no na wɔfrɛ no ɔdehunufoɔ).

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 (Saa ɛberɛ no, sɛ nnipa rekɔbisa Onyankopɔn hɔ adeɛ a, wɔka sɛ, “Momma yɛnkɔbisa ademuhununi” ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na wɔfrɛ adiyifoɔ ademuhunufoɔ.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 (Kan no Israel, sɛ obi rekobisa Onyankopɔn hɔ ade a, ɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ ɔdehufo no nkyɛn; ɔno na nnɛ yi wɔfrɛ no odiyifo no, kan no na wɔfrɛ no ɔdehufo.)

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 9:9
16 Iomraidhean Croise  

Na nkokoaa no pempem wɔn ho wɔ ne yam. Na ose: Sɛ ɛte saa a, na mete hɔ yɛ dɛn? Na okobisaa AWURADE.


Na Dawid sɔree anɔpa no, AWURADE asɛm baa odiyifo Gad, Dawid dehufo no nkyɛn sɛ:


Na AWURADE nam n’adiyifo nyinaa ne adehufo nyinaa so dii Israel ne Yuda adanse sɛ: Monsan mfi mo akwammɔne no so, na munni me mmara nsɛm ne m’ahyɛde so, sɛ mmara a mehyɛɛ mo agyanom a menam me nkoa adiyifo no so mema wɔde brɛɛ mo no nyinaa.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid dehufo Gad sɛ:


Na nneɛma a ɔdehufo Samuel ne Kis ba Saul ne Ner ba Abner ne Seruia ba Yoab de mae no nyinaa nso, ɛhyɛ Selomit ne ne nuanom nsa.


Na ɔhene Dawid nsɛm a edi kan ne nea edi akyiri no, hwɛ, wɔakyerɛw ɔdehufo Samuel nsɛm ne odiyifo Natan nsɛm ne ɔdehwɛfo Gad nsɛm mu;


Wɔn a wɔpaw wɔn de wɔn sisii aponanohwɛfo nyinaa si ahanu ne dumien. Wɔn na wɔkan wɔn kyerɛw ne wɔn din, mmusua so, wɔn nkurase, wɔn nso na Dawid ne ɔdehufo Samuel de wɔn adwuma yi hyɛɛ wɔn nsa.


Na Asa nyaa ɔdehufo no ho abufuw, na ɔde no kɔtoo nneduadan mu, efisɛ ɔfaa no eyi ho abufuw. Nanso Asa hyɛɛ ɔman no mu binom so ɛbere no mu.


Na ɛbere no mu no, ɔdehufo Hanani baa Yuda hene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wutweri Siria hene na woantweri AWURADE wo Nyankopɔn no nti, Siria hene dɔm no afi wo nsa.


na AWURADE de nnahɔɔ honhom agu mo so, na wamuamua mo aniwa a ɛne adiyifo no, na mo ti a ɛne adehufo no, wakata so.


Wɔka kyerɛ adehufo sɛ: Munnhu ade! Na wɔka kyerɛ adiyifo nso sɛ: Monnhyɛ yɛn nea ɛteɛ ho nkɔm! Monka adɛfɛdɛfɛsɛm nkyerɛ yɛn, na monhyɛ nnaadaasɛm ho nkɔm!


Na Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ: Ɔdehufo, kɔ! Bɔ wo ho aguaa kɔ Yuda asase so, na kodidi hɔ na hyɛ nkɔm wɔ hɔ.


Sɛ nipadua nyinaa yɛ aniwa a, anka ɔte wɔ he? Sɛ ne nyinaa yɛ ɔte a, anka ohua wɔ he?


Na Yosua wu akyi no, Israelfo bisaa Awurade sɛ: Yɛn mu hena na onni kan ne Kanaanfo nkɔko?


Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Bisa Onyankopɔn ɛ, na yenhu sɛ yɛn kwan a yɛnam so yi bɛyɛ siade kwan anaa?


Ɛnna Saul ka kyerɛɛ n’abofra no sɛ: Ɔsɛmpa, bra ma yɛnkɔ. Na wɔkɔɔ kurow a Onyankopɔn nipa no wɔ mu no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan