Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 9:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saul; aberante no ho yɛ fɛ, Israelfo mu de obiara nsen no ahoɔfɛ. Efi ne mmati rekɔ no, ɔware sen obiara, ɔman no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Na ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saulo, aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ. Na Israelfoɔ mu biara nsene no ahoɔfɛ. Ɛfiri ne mmatiri so rekorɔ no, ɔware sene obiara, ɔman no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Na ne babarima Saulo ho yɛ fɛ yiye sen obiara wɔ Israel. Na ɔware sen obiara fi ne mmati kosi ne ti so wɔ asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Na ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saulo, aberanteɛ a ne ho yɛ fɛ. Na Israelfoɔ mu biara nsene no ahoɔfɛ. Ɛfiri ne mmatiri so rekorɔ no, ɔware sene obiara, ɔman no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Na ne babarima Saulo ho yɛ fɛ yie sene obiara wɔ Israel. Na ɔware sene obiara firi nʼabati kɔsi ne tiri so wɔ asase no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Na ɔwɔ ɔbabarima bi a ne din de Saul; aberante no ho yɛ fɛ, Israelfo mu de obiara nsen no ahoɔfɛ. Efi ne mmati rekɔ no, ɔware sen obiara, ɔman no mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 9:2
10 Iomraidhean Croise  

Onyankopɔn mma huu nnipa mmabea sɛ wɔn ho yɛ fɛ, na wɔwarewaree wɔn mu biara a wɔpɛ.


Na Ner woo Kis, na Kis woo Saul, na Saul woo Yonatan ne Malkisua ne Abinadab ne Esbaal.


Sɛ AWURADE se ni: Mma onyansafo nnhyehye ne ho ne nyansa ho, na ɔhoɔdenfo nnhyehye ne ho n’ahoɔden ho, na ɔdefo nso nnhyehye ne ho n’ade ho,


na ɛhɔ na yehuu abran akɛse no, (Anak mma a wofi abran akɛse no mu no), na yɛyɛɛ yɛn ankasa ani so sɛ mmebɛw, na saa nso na yɛyɛe wɔ wɔn ani so.


Na ɔmaa Benyamin abusuakuw no twiw bɛnee, sɛ ne mmusua no te: Na wɔtwee ntonto ma ɛbɔɔ Matri abusua, na wɔtwee mmarima no so ntonto ma ɛbɔɔ Kis ba Saul. Nanso wɔhwehwɛɛ no no, wɔanhu no.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tentenyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na AWURADE de, ɔhwɛ komam.


Na ɔbarima katakyi bi fi Filistifo nsram fii adi, ne din de Goliat, ofi Gat, ne tenten si basafa abiɛsa ne nsama,


Na Saul n’agya Kis mfurum yerae. Na ɔka kyerɛɛ ne ba Saul sɛ: Fa mmerante no mu biako ka wo ho, na sɔre kɔhwehwɛ mfurum no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan