Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 9:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Nso ɔdefo bi wɔ hɔ a ne din de Kis. Ofi Benyamin abusua mu. N’agya din de Abiel, na nena ne Sero, wofi Bekorat fi wɔ Afia abusua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Benyaminni bi wɔ hɔ a ne din de Kis a ɔyɛ Benyamin aseni, Afia ba, Bekorat ba, Seror ba, Abiel ba, ɔbarima a ɔyɛ ɔdefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔbarima ɔdefo bi a odi mu tenaa ase a na ne din de Kis na ofi Benyamin abusua mu. Na ɔyɛ Abiel babarima, na ne nena ne Seror a ofi Bekorat fi ne Afia abusua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Benyaminni bi wɔ hɔ a ne din de Kis a ɔyɛ Benyamin aseni, Afia ba, Bekorat ba, Seror ba, Abiel ba, ɔbarima a ɔyɛ ɔdefoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Ɔbarima ɔdefoɔ bi a ɔdi mu tenaa ase a na ne din de Kis na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Na ɔyɛ Abiel babarima, na ne nana ne Seror a ɔfiri Bekorat fie ne Afia abusua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Nso ɔdefo bi wɔ hɔ a ne din de Kis. Ofi Benyamin abusua mu. N’agya din de Abiel, na nena ne Sero, wofi Bekorat fi wɔ Afia abusua mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 9:1
9 Iomraidhean Croise  

Nso Barsilai abɔ akora sɛ wadi mfirihyia aduɔwɔtwe. Na ɔhene tenaa Mahanaim no, ɔno na ɔhwɛɛ no, na ɔyɛ ɔdefo kɛse sɛ.


Nso Yudani bi wɔ Susan ahenkurow mu a ne din de Mordekai, Benyaminni a ɔyɛ Yair ba, Simei ba, Kis ba


Na ɔwɔ nguan mpemnsɔn ne yoma mpensa ne anantwi mpamho ahanum ne mfurum abere ahanum, ne fie nnipa bebree pa ara; na ɔbarima no soe sen apueifo no nyinaa.


Na efi ɛno so no, wobisaa ɔhene; na Onyankopɔn de Saul, Kis ba a ofi Benyamin abusuakuw mu maa wɔn mfirihyia aduanan.


Na wotutuu mmirika kɔfaa no fii hɔ. Na obegyinaa ɔman no mu no, na ɔware sen ɔman no mufo nyinaa fi ne mmati so kɔ soro.


Na Saul n’agya Kis ne Abner n’agya Ner yɛ Abiel mma.


Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛse. Ɔwɔ nguan mpensa ne mmirekyi apem; na ɔretwitwa ne nguan ho wɔ Karmel.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan