Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 8:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Enti tie wɔn; na kasa kyerɛ wɔn, kyerɛ wɔn ɔhene a obedi wɔn so no apɛde.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Enti, afei tie wɔn; na kasa kyerɛ wɔn, na kyerɛ wɔn ɔhene a ɔbɛdi wɔn soɔ no atemmudeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛno nti, tie wɔn, nanso bɔ wɔn kɔkɔ anibere so, na ma wonhu ɔkwan a ɔhene a ɔrebedi wɔn so no de wɔn bɛfa so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Enti, afei tie wɔn; na kasa kyerɛ wɔn, na kyerɛ wɔn ɔhene a ɔbɛdi wɔn soɔ no atemmudeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛno enti, tie wɔn, nanso bɔ wɔn kɔkɔ anibereɛ so, na ma wɔnhunu ɛkwan a ɔhene a ɔrebɛdi wɔn so no de wɔn bɛfa so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Enti tie wɔn; na kasa kyerɛ wɔn, kyerɛ wɔn ɔhene a obedi wɔn so no apɛde.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 8:9
10 Iomraidhean Croise  

Efisɛ mehyɛɛ mo agyanom da a miyii wɔn fii Misraim asase so bae, na ɛde besi nnɛ, mitua ahema mehyɛ wɔn daa sɛ: Muntie me!


Sɛ mise ɔbɔnefo sɛ: Owu na wubewu, na woammɔ no kɔkɔ, na woankasa ankyerɛ no antwe ɔbɔnefo no amfi ne kwammɔne so na wanya nkwa a, ɛnne ɔno ɔbɔnefo no bewu n’amumɔyɛ mu de, nanso ne mogya de, mebisa wo nsam.


Nanso ɔberɛmpɔn no mmfa ɔmanfo no agyapade bi mmpam wɔn mmfi wɔn kyɛfa mu; n’ankasa ne kyɛfa no bi na ɔmfa mma ne mma na wonni, nea ɛbɛyɛ na wɔampansam me man mu biara amfi wɔn agyapade so.


Ɛnna Samuel kaa ahenni no ho nhyehyɛe kyerɛɛ ɔman no, na ɔkyerɛw hyɛɛ nhoma mu de too AWURADE anim. Na Samuel gyaa ɔman no nyinaa kwan ma wɔkokɔɔ wɔn afi mu.


Na Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Hwɛ, matie mo, sɛnea moka kyerɛɛ me no nyinaa, na masi mo so hene.


Na ɔko dennen daa Filistifo so Saul nna nyinaa. Na sɛ Saul hu ɔbarima hoɔdenfo biara anaa obiara a ɔyɛ nnam a, ɔkɔfa no ba ne nkyɛn.


Na asɔfo ade a wɔyɛ ɔman no ne sɛ: Sɛ obi rebɔ afɔre a, wɔrenoa nam no, na ɔsɔfo no abofra aba, na okura adinam a ano abiɛsa,


Wɔn nneyɛe nyinaa fi da a miyii wɔn fii Misraim mebae de abedu nnɛ yi, sɛnea wɔagyaw me akɔsom anyame foforo no, saa ara na wɔreyɛ wo nso yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan