Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 8:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Wɔn nneyɛe nyinaa fi da a miyii wɔn fii Misraim mebae de abedu nnɛ yi, sɛnea wɔagyaw me akɔsom anyame foforo no, saa ara na wɔreyɛ wo nso yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Wɔn nneyɛɛ a wɔayɛ nyinaa firi da a meyii wɔn Misraim baeɛ de bɛduru nnɛ yi de agyaa me akɔsom anyame foforɔ no, saa ara na wɔreyɛ wo nso yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Efi bere a miyii wɔn fii Misraim no besi nnɛ yi no, wɔakɔ so apo me akodi anyame afoforo akyi; na nnɛ yi, saa ara na wɔde reyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Wɔn nneyɛɛ a wɔayɛ nyinaa firi da a meyii wɔn Misraim baeɛ de bɛduru nnɛ yi de agyaa me akɔsom anyame foforɔ no, saa ara na wɔreyɛ wo nso yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɛfiri ɛberɛ a meyii wɔn firi Misraim no bɛsi ɛnnɛ yi no, wɔakɔ so apo me akɔdi anyame foforɔ akyi; na ɛnnɛ yi, saa ara na wɔde reyɛ wo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Wɔn nneyɛe nyinaa fi da a miyii wɔn fii Misraim mebae de abedu nnɛ yi, sɛnea wɔagyaw me akɔsom anyame foforo no, saa ara na wɔreyɛ wo nso yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 8:8
22 Iomraidhean Croise  

Na wɔanyɛ sɛ wɔn agyanom, mma asoɔdenfo ne atuatewfo, mma a wɔmfa wɔn koma nsi tee, na wɔn honhom nni Nyankopɔn nokware.


Na Israelfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Anka AWURADE mma yenwuwu ne nsa ano Misraim asase a yɛtete nam nkutu ho a yedidi mee no so! Na moayi yɛn aba sare yi so sɛ mode ɔkɔm rebekunkum asafo mu yi nyinaa.


Enti ɔman no ne Mose hamee, na wose: Ma yɛn nsu nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛdɛn nti na mo ne me ham? Ɛdɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ?


Na ɔman no hui sɛ Mose akyɛ na onsian mfi bepɔw no so mma no, ɔman no boaa wɔn ho ano baa Aaron nkyɛn besee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wonni yɛn anim, efisɛ Mose yi, ɔbarima a okoyii yɛn fii Misraim bae no de, yennim nea ayɛ no.


Mfe ason awiei no mo mu biara nnyaa ne nua Hebrini a wɔatɔn no ama wo no, na sɛ ɔsom wo mfe asia a, gya no kwan ma omfi wo nkyɛn mfa ne ho nkodi. Na mo agyanom antie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, meresoma wo Israelfo nkyɛn, amanaman atuatewfo a wɔatew m’anim atua no nkyɛn; wɔne wɔn agyanom na afom me de besi nnɛ da yi.


Na n'adekyee no Israel asafo no nyinaa nwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ: Mo na moakum AWURADE man.


AWURADE anim atuatewfo ne mo fi da a mihuu mo.


Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Filistifo nsa mfirihyia aduanan.


Na AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ Israel, na ɔkae sɛ: Sɛ ɔman yi ato m’apam a mehyɛɛ wɔn agyanom, na wontie me nne yi,


Ehud wu akyi no Israelfo no kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.


Na Israelfo yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na AWURADE de wɔn hyɛɛ Midian nsa mfe asɔn.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie nea ɔman no se ne nea wɔka kyerɛ wo no nyinaa, efisɛ ɛnyɛ wo na wɔapa wo, na me na wɔapa me, sɛ minnni wɔn so hene.


Enti tie wɔn; na kasa kyerɛ wɔn, kyerɛ wɔn ɔhene a obedi wɔn so no apɛde.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan