Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 8:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie nea ɔman no se ne nea wɔka kyerɛ wo no nyinaa, efisɛ ɛnyɛ wo na wɔapa wo, na me na wɔapa me, sɛ minnni wɔn so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie deɛ ɔman no seɛ ne deɛ wɔka kyerɛ woɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo na wɔapo woɔ, na me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel se, “Tie nsɛm a ɔmanfo no reka kyerɛ wo no na yɛ. Ɛnyɛ wo na wɔapo, na mmom, me na wɔapo me, sɛ minnni wɔn so hene bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie deɛ ɔman no seɛ ne deɛ wɔka kyerɛ woɔ no nyinaa, ɛfiri sɛ ɛnyɛ wo na wɔapo woɔ, na me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Na Awurade ka kyerɛɛ Samuel sɛ, “Tie nsɛm a ɔmanfoɔ no reka kyerɛ wo no na yɛ. Ɛnyɛ wo na wɔapo, na mmom, me na wɔapo me, sɛ mennni wɔn so ɔhene bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie nea ɔman no se ne nea wɔka kyerɛ wo no nyinaa, efisɛ ɛnyɛ wo na wɔapa wo, na me na wɔapa me, sɛ minnni wɔn so hene.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 8:7
22 Iomraidhean Croise  

Na Mose se: Awurade bɛma mo nam adi anwummere, ne aduan adi amee anɔpa, efisɛ Awurade ate mo anwiinwii a munwiinwii hyɛ no no; na dɛn ne yɛn? Ɛnyɛ yɛn na munwiinwii hyɛ, na mmom Awurade.


me nso mɛpaw amane bi mama wɔn, na mede nea wosuro maba wɔn so, efisɛ mefrɛe, na obi annye so, mekasae, na wɔantie, na wɔyɛɛ m’ani so bɔne, na nea mempɛ no na wɔpawee.


Mfe ason awiei no mo mu biara nnyaa ne nua Hebrini a wɔatɔn no ama wo no, na sɛ ɔsom wo mfe asia a, gya no kwan ma omfi wo nkyɛn mfa ne ho nkodi. Na mo agyanom antie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, meresoma wo Israelfo nkyɛn, amanaman atuatewfo a wɔatew m’anim atua no nkyɛn; wɔne wɔn agyanom na afom me de besi nnɛ da yi.


Na Israel fi mpɛ sɛ wotie wo, efisɛ wɔmpɛ sɛ wotie me; na Israel fi nyinaa momaso ayɛ den, na wɔn koma apirim.


Na Onyankopɔn baa Bileam nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ nhyia na mmarima yi behyiaa wo a, sɔre na wo ne wɔn nkɔ; nanso asɛm a mɛka makyerɛ wo no nko na di so.


Nea ogye mo no gye me, na nea ogye me no gye nea ɔsomaa me no.


Nea otie mo no, watie me; na nea ɔpa mo no, wapa me. Na nea ɔpa me no, wapa nea ɔsomaa me no.


Na ne manfo tan no, na wɔsomaa abɔfo dii n’akyi sɛ: Yɛmpɛ sɛ oyi di yɛn so hene.


Na m’atamfo a wɔmpɛ sɛ midi wɔn so hene de, momfa wɔn mmra ha, na mummekum wɔn m’anim!


Mereka akyerɛ mo nokware mu pa ara sɛ: Akoa nsen ne wura, na ɔsomafo nsen nea ɔsomaa no.


Na Gideon ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me de, merenni mo so, na me ba nso nnni mo so, AWURADE na onni mo so.


nanso ɛnnɛ moapa mo Nyankopɔn a ɔno na ogye mo mo amane ne mo ahohia nyinaa mu no, na muse no sɛ: Dabi, na si yɛn so hene. Na afei mummegyina AWURADE anim sɛ mo mmusuakuw ne mo mpem dodow te.


Na Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Hwɛ, matie mo, sɛnea moka kyerɛɛ me no nyinaa, na masi mo so hene.


Na muhui sɛ Amonfo hene Nahas reba mo so no, moka kyerɛɛ me sɛ: Dabi, na ɔhene mmedi yɛn so, bere a AWURADE mo Nyankopɔn ne mo hene.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Tie wɔn, na si ɔhene ma wɔn. Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa sɛ: Obiara nkɔ ne kurom.


Wɔn nneyɛe nyinaa fi da a miyii wɔn fii Misraim mebae de abedu nnɛ yi, sɛnea wɔagyaw me akɔsom anyame foforo no, saa ara na wɔreyɛ wo nso yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan