Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 8:5 - KYERƐW KRONKRON

5 bɛka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woabɔ akora, na wo mma mfa w’akwan so. Afei si ɔhene ma yɛn na onni yɛn kan sɛ amanaman nyinaa te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 bɛka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woabɔ akora, na wo mma mfa w’akwan so. Afei si ɔhene ma yɛn na ɔnni yɛn so te sɛ amanaman nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔka kyerɛɛ no se, “Woabɔ akwakoraa, na wo mmabarima nso nnantew wʼakwan so; enti si ɔhene na onni yɛn anim sɛnea aman bebree yɛ no no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 bɛka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woabɔ akora, na wo mma mfa w’akwan so. Afei si ɔhene ma yɛn na ɔnni yɛn so te sɛ amanaman nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Woabɔ akɔkoraa, na wo mmammarima nso nnante wʼakwan so; enti, si ɔhene na ɔnni yɛn anim sɛdeɛ aman bebree yɛ noɔ no.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 bɛka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woabɔ akora, na wo mma mfa w’akwan so. Afei si ɔhene ma yɛn na onni yɛn kan sɛ amanaman nyinaa te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 8:5
12 Iomraidhean Croise  

Abotan atifi na mifi mihu no, na nkoko so na mifi migyen no: Hwɛ, ɔman a ne nko bɛtena ni, na wɔremmu wɔn mfra wiase aman.


Na efi ɛno so no, wobisaa ɔhene; na Onyankopɔn de Saul, Kis ba a ofi Benyamin abusuakuw mu maa wɔn mfirihyia aduanan.


Na Israel mmarima ka kyerɛɛ Gideon sɛ: Di yɛn so, wo ne wo ba ne wo ba ba nyinaa, efisɛ wo na woagye yɛn afi Midian nsam.


nanso ɛnnɛ moapa mo Nyankopɔn a ɔno na ogye mo mo amane ne mo ahohia nyinaa mu no, na muse no sɛ: Dabi, na si yɛn so hene. Na afei mummegyina AWURADE anim sɛ mo mmusuakuw ne mo mpem dodow te.


Na afei, hwɛ, ɔhene a moapaw no a mosrɛɛ no no ni; na hwɛ, AWURADE asi mo so hene.


So ɛnyɛ awitwa bere ne nnɛ? Mɛfrɛ AWURADE na wama ɔprannaa ne osu aba, na moahwɛ ahu sɛ mo bɔne a moayɛ AWURADE anim sɛ moabisa ɔhene afa no so.


Na afei, hwɛ, ɔhene no na odi mo anim yi. Na me de, mabɔ akora na mafuw dwen, na me mma nso, hwɛ, wɔne mo na ɛwɔ hɔ; na me de, mifi me mmofraase na manantew mo anim mabedu nnɛ da yi.


Na wo mfurum a wɔyerae nnɛ nnansa no de, mfa w’adwene nto so, na wɔahu wɔn. Na hena na Israel nyinaa ani wɔ no so? So ɛnyɛ wo ne w’agya fi?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan