Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 7:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na wobehyiae wɔ Mispa, na wɔsaw nsu hwie guu AWURADE anim, na wobua dae da no, na wɔkae hɔ sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne. Na Samuel dii Israelfo hene wɔ Mispa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na wɔbɛhyiaa wɔ Mispa, na wɔsaa nsuo hwie guu AWURADE anim, na wɔdii abuada da no, na wɔkaa no ɛhɔ sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne. Na Samuel buu Israelfoɔ atɛn Mispa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Enti wɔboaa wɔn ho ano wɔ hɔ. Na wɔn anyankamade mu no, wɔsaw nsu fi abura bi mu, na wohwie guu Awurade anim. Wodii abuada da no, na wɔkaa nokware sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Enti Mispa hɔ na Samuel bɛyɛɛ Israel so temmufo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na wɔbɛhyiaa wɔ Mispa, na wɔsaa nsuo hwie guu AWURADE anim, na wɔdii abuada da no, na wɔkaa no ɛhɔ sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne. Na Samuel buu Israelfoɔ atɛn Mispa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Enti, wɔboaa wɔn ho ano wɔ hɔ. Na wɔn nyankomadeɛ mu no, wɔsaa nsuo firi abura bi mu, na wɔhwie guu Awurade anim. Wɔdii abuada ɛda no, na wɔkaa nokorɛ sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade. Enti, Mispa hɔ na Samuel bɛyɛɛ Israel so ɔtemmufoɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na wobehyiae wɔ Mispa, na wɔsaw nsu hwie guu AWURADE anim, na wobua dae da no, na wɔkae hɔ sɛ: Yɛayɛ AWURADE bɔne. Na Samuel dii Israelfo hene wɔ Mispa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 7:6
47 Iomraidhean Croise  

ne Mispa, ase ne: Ahwɛe, efisɛ ose: Yɛtetew mu a, AWURADE nhwɛ me ne wo ntam.


Na owu de, yebewu ara na yɛte sɛ nsu a wɔahwie agu fam a wontumi nsesaw bio; nso Onyankopɔn de, onkum na mmom odwen nea ɛbɛyɛ na nea wɔapam no no wɔrempam no mfi ne ho.


na wɔma ɛka wɔn koma, asase a wɔafa wɔn nnommum akɔ hɔ no so, na wɔdan wɔn ho na wɔkotɔ srɛ wo wɔn nnommumfafo asase no so ka sɛ: Yɛayɛ bɔne na yɛato, yɛadi abɔnefosɛm,


Na mmarima baasa no tew faa Filistifo nsra no mu kɔsaw Betlehem asubura a ɛwɔ kurow pon ho no mu nsu de brɛɛ Dawid. Nanso Dawid ampɛ sɛ ɔnom, na ohwie gu maa AWURADE,


Na Yehosafat suroe, na ɔde n’ani too AWURADE hwehwɛ so, na ɔpaee abuadadi Yuda nyinaa mu.


Ɛnna wode wɔn hyɛɛ wɔn ahohiahiafo nsa, na wohiahiaa wɔn ho; na wɔn ahohiahia bere mu no, wosu frɛɛ wo, na wo de, wufi soro tiee wɔn, na sɛ wo mmɔborohunu kɛse te no, wode agyefo maa wɔn, na wogyee wɔn fii wɔn ahohiahiafo no nsam.


Me nnamfo po di me ho fɛw, nanso Onyankopɔn na m’aniwa poroporow nsu ma no.


Na m’apinisi abesi m’aduan ananmu, na me su gu sɛ nsu.


na ɔto dwom kyerɛ nnipa sɛ: Mayɛ bɔne, na makyea nea ɛteɛ no, nanso ɔne me anni no sɛnea ɛfata me.


Hwɛ, misua, dɛn na memfa mimmua wo? Me nsa na mede meto m’ano.


Enti na m’ani wu na minu me ho, dɔte ne nso mu.


Yɛne yɛn agyanom ayɛ bɔne, yɛafom, yɛayɛ bɔne kɛse.


Asuten sen m’aniwa mu gu, efisɛ nnipa nni wo mmara so.


Me nusu ayɛ me aduan awia ne anadwo, sɛ wose me daa sɛ: Wo Nyankopɔn wɔ he?


M’apinisi ama mabrɛ, anadwo biara me mpa fɔw, mede me nusu mefɔw me nnae.


Nkurɔfo, momfa mo ho nto no so daa. Munyi mo yam nkyerɛ no, Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea. Sela


Na me nsanakyiri no akyi no, minuu me ho, na wuhuu me akyi no, mebɔɔ me srɛm; m’ani wui, na mesopae po, efisɛ meso me mmerantebere mu ahohora.


Na Yuda hene Yehoiakim a ɔyɛ Yosia ba afe a ɛto so anum, ɔsram a ɛto so akron no, Yerusalemfo nyinaa ne nkurɔfo a wofi Yuda nkurow mu nyinaa baa Yerusalem no, paee AWURADE anim mmuadadi.


O Sɛ me ti yɛ nsu na m’aniwa yɛ nusu abura ɛ! Anka mesu me man mu ahiafo atɔfo no awia ne anadwo.


Nusu ama m’ani ayɛ siamoo, m’ayamde kyinkyim, me mmerɛbo ahwie agu fam, me man babea sɛe nti, abotafowa ne akokoaa totɔ piti, kurow no mmorɔn so.


M’aniwa kyi nsu, na ennyae, ennya atwaye,


Yɛn abotiri ayi atɔ fam; yɛn ara yennue, na yɛayɛ bɔne.


So wubebu wɔn atɛn? So wubebu atɛn, onipa ba? Wɔn agyanom akyide na ma wonhu.


Muntie eyi, O, asɔfo, na monwɛn aso, Israel fi, na ɔhene fi nso, monyɛ aso; na mo so na atemmu aba; na moadan afiri Mispa, ne asawu a wɔatrɛw mu Tabor so;


Na afei nso, AWURADE na ose, monsan mmra me nkyɛn, mo koma nyinaa ne abuadadi ne osu ne adwotwa mu.


Na eyi nyɛ mo daa ahyɛde: ɔsram a ɛto so ason no da a ɛto so du no, mommrɛ mo ho ase, okuromani oo, ɔhɔho a ɔbɛsoɛ mo mu oo, monnyɛ adwuma biara.


Ɛno na wɔbɛka wɔn amumɔyɛ ne wɔn agyanom amumɔyɛ no; sɛ nkontompo a wotwaa me ne asi a wɔne me dii nti,


Mɛsɔre makɔ m’agya nkyɛn, na m'ase no sɛ: Agya, mayɛ ɔsoro ne w’anim bɔne.


Mispe, Kefira ne Mosa,


Ɛnna Israelfo su frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ wo bɔne, sɛ yɛagyaw yɛn Nyankopɔn na yɛakɔsom Baalim.


Na Israelfo no ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne! Wo de, yɛ yɛn sɛ eye w’ani so nyinaa, ogye nko na gye yɛn nnɛ da yi.


Na AWURADE bɔfo no kaa nsɛm yi kyerɛɛ Israelfo no nyinaa no, ɔman no maa wɔn nne so sui.


Na Israelfo no kɔ kosui AWURADE anim kosii anwummere, na wobisaa AWURADE se: So mintwiw nkɔ bio na me ne me nua Benyamin mma no nkɔko? Na AWURADE kaa sɛ: Monkɔ no so.


Ɛnna Israelfo nyinaa ne ɔman no nyinaa siim kɔɔ Betel, na wosui, na wɔtenaa AWURADE anim hɔ dii abuada da no de kosii anwummere, na wɔbobɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre AWURADE anim.


Na AWURADE honhom baa no so, na odii Israel anim, na ofii adi tuu sa, na AWURADE de Mesopotamia hene Kusan-risataim, hyɛɛ ne nsa, na odii no so nkonim


Na Hana buae sɛ: Dabi, me wura, meyɛ ɔbea werɛhowfo. Bobesa ne nsa biara de, mennom bi ɛ, na mihwiee me kra miguu AWURADE anim.


Na Samuel hyiaa ɔman no baa AWURADE nkyɛn Mispa.


Na wosu frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛagyaw AWURADE akɔsom Baalim ne Astarot, na afei yi yɛn yɛn atamfo nsam, na yɛbɛsom wo.


Na Samuel yɛɛ ɔkannifo wɔ Israel ne nkwa nna nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan