Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 7:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na Samuel kae sɛ: Munhyia Israel nyinaa mmra Mispa, na memmɔ AWURADE mpae memma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Samuel kaa sɛ: Monhyia Israel nyinaa mmra Mispa, na memmɔ AWURADE mpaeɛ memma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, Samuel ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, “Mo nyinaa mommra Mispa, na memmɔ Awurade mpae mma mo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Samuel kaa sɛ: Monhyia Israel nyinaa mmra Mispa, na memmɔ AWURADE mpaeɛ memma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Afei, Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ no nyinaa sɛ, “Mo nyinaa mommra Mispa, na memmɔ Awurade mpaeɛ mma mo.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Samuel kae sɛ: Munhyia Israel nyinaa mmra Mispa, na memmɔ AWURADE mpae memma mo.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 7:5
18 Iomraidhean Croise  

Na afei dan ɔbarima no yere kɔma no, efisɛ ɔyɛ odiyifo, na wapa kyɛw ama wo, na woanya nkwa; na sɛ woannan no ankɔma no a, ɛnne, hu sɛ owu na wubewu, wo ne nea wowɔ nyinaa.


ne Mispa, ase ne: Ahwɛe, efisɛ ose: Yɛtetew mu a, AWURADE nhwɛ me ne wo ntam.


Na dɔm no asafohene nyinaa, wɔn ne wɔn mmarima, tee sɛ Babel hene de Gedalia asi ɔhwɛfo no, wɔbaa Gedalia nkyɛn wɔ Mispa: Netania ba Ismael, ne Karea ba Yohanan, ne Netofani Tanhumet ba Seraia, ne Maakatni bi ba Yaasania, wɔn ne wɔn mmarima.


Na ɔsram yi da a ɛto so aduonu anan no, Israelfo no boaa wɔn ho ano hyiae mmuadadi ne ayitam mu, na wɔtwitwaa ntwoma.


Na Yeremia kɔɔ Ahikam ba Gedalia nkyɛn Mispa, na ɔne no tenaa nkurɔfo a wogyaw wɔn asase no so no mu.


Muntie eyi, O, asɔfo, na monwɛn aso, Israel fi, na ɔhene fi nso, monyɛ aso; na mo so na atemmu aba; na moadan afiri Mispa, ne asawu a wɔatrɛw mu Tabor so;


Mommoa ɔman no ano, monhyɛ ɔman nhyiam kronkron, munhyia nkwakoraa, mommoa mmofra ne nufu ano mma ano. Ayeforokunu mfi ne pia mu, na ayeforo mfi ne dabekyiri mu mfi adi.


ne Dilean ne Mispe ne Yokteel,


Mispe, Kefira ne Mosa,


Na Amonfo no hyia bae bɛbɔɔ nsra Gilead. Na Israelfo nso boaboaa wɔn ho ano kɔbɔɔ nsra Mispa.


Ɛnna Israelfo nyinaa tui, na asafo no ano behyiae sɛ onipa biako, efi Dan kosi Beer-seba, ne Gilead asase, na wɔbaa Mispa, AWURADE nkyɛn.


Na Samuel hyiaa ɔman no baa AWURADE nkyɛn Mispa.


So ɛnyɛ awitwa bere ne nnɛ? Mɛfrɛ AWURADE na wama ɔprannaa ne osu aba, na moahwɛ ahu sɛ mo bɔne a moayɛ AWURADE anim sɛ moabisa ɔhene afa no so.


Me nso, ɛmpare me sɛ megyae mo ho mpaebɔ de ayɛ AWURADE bɔne; na mɛkyerɛ mo ɔkwan pa a ɛteɛ no.


Ɛnna Samuel faa ɔbo biako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Ebeneser a ase ne: Ɔboa bo, kae sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abesi.


Na afe biara afe okyin kɔ Betel ne Gilgal ne Mispa, na ɔyɛ ɔkannifo wɔ nkurow yi nyinaa mu.


Ɛnna Israelfo no yii Baal nyinaa ne Astarot, na wɔsom AWURADE nko.


Na asɛm no ansɔ Samuel ani sɛ wɔkae sɛ: Ma yɛn ɔhene na onni yɛn kan no. Na Samuel bɔɔ AWURADE mpae.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan