Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 7:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Samuel ka kyerɛɛ Israel fi nyinaa sɛ: Sɛ mode mo koma nyinaa resan aba AWURADE nkyɛn a, munyi ananafo anyame ne Astarot no mfi mo mu, na munsiesie mo koma mma AWURADE, na monsom no nko, na obeyi mo Filistifo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Samuel ka kyerɛɛ Israel fie nyinaa sɛ: Sɛ mode mo akoma nyinaa resane aba AWURADE nkyɛn a, ɛnneɛ monyi ananafoɔ anyame ne Astarot no mfiri mo mu, na monsiesie mo akoma mma AWURADE, na monsom ɔno nko ara, na ɔbɛyi mo Filistifoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa se, “Sɛ mode mo koma nyinaa resan akɔ Awurade nkyɛn de a, ɛno de, montwe mo ho mfi ananafo anyame ne Astoret ahoni ho. Munsi mo adwene pi sɛ mobɛyɛ osetie ama Awurade, na monsom ɔno nko, na obegye mo afi Filistifo nsam.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Samuel ka kyerɛɛ Israel fie nyinaa sɛ: Sɛ mode mo akoma nyinaa resane aba AWURADE nkyɛn a, ɛnneɛ monyi ananafoɔ anyame ne Astarot no mfiri mo mu, na monsiesie mo akoma mma AWURADE, na monsom ɔno nko ara, na ɔbɛyi mo Filistifoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfoɔ nyinaa sɛ, “Sɛ mode mo akoma nyinaa resane akɔ Awurade nkyɛn deɛ a, ɛnneɛ, montwe mo ho mfiri ananafoɔ anyame ne Astoret ahoni ho. Monsi mo adwene pi sɛ mobɛyɛ ɔsetie ama Awurade, na monsom ɔno nko, na ɔbɛgye mo afiri Filistifoɔ nsam.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Samuel ka kyerɛɛ Israel fi nyinaa sɛ: Sɛ mode mo koma nyinaa resan aba AWURADE nkyɛn a, munyi ananafo anyame ne Astarot no mfi mo mu, na munsiesie mo koma mma AWURADE, na monsom no nko, na obeyi mo Filistifo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 7:3
40 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fifo ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: Montotow anyame ananafo a ɛwɔ mo mu ngu, na munnwira mo ho, na monsakra mo ntade.


esiane sɛ wagyaw me na wakɔsɔre Sidonfo nyamewa Astoret ne Moabfo nyame Kemos ne Amonfo nyame Milkom, na wannantew m’akwan mu sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ m’ani so ne m’ahyɛde ne m’atemmude sɛ n’agya Dawid.


na wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa san ba wo nkyɛn, wɔn atamfo a wɔfaa wɔn nnommum kɔe no asase so, na wɔbɔ wo mpae kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom no, kurow a woayi ne ɔdan a masi mama wo din yi a,


na mmom AWURADE mo Nyankopɔn na munsuro no, na ɔno na obeyi mo afi mo atamfo nyinaa nsam.


Bio nso afɔremuka a ɛwɔ Betel, sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no yɛe no, afɔremuka no nso ne sorɔnsorɔmmea no, oburuwii, na ɔhyew sorɔnsorɔmmea no yam no fekɔfekɔ ma ɛyɛɛ mfuturu, na ɔhyew Asera nnua no.


Afei momfa mo koma ne mo kra nhwehwɛ AWURADE mo Nyankopɔn. Na monsɔre nkosi AWURADE Nyankopɔn kronkronbea no, na wɔmfa AWURADE apam adaka no ne Onyankopɔn akronkronne no mmra ofi a wobesi ama Awurade din no mu.


Na wo, me ba Solomon, hu w’agya Onyankopɔn no, na fa wo koma mu ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE pɛepɛe koma nyinaa mu na ohu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no. Na sɛ wugyaw no a, ɔbɛtow wo akyene koraa.


Nanso wɔahu wo ho nsɛm pa, sɛ woatwitwa Asera nnua afi asase no so, na woasiesie wo koma ahwehwɛ Onyankopɔn.


Nanso sorɔnsorɔmmea no de, wɔanyi, na ɔman no nnya nsiesiee wɔn koma mmaa wɔn agyanom Nyankopɔn no.


obiara a wasiesie ne koma sɛ ɔrehwehwɛ Onyankopɔn AWURADE, n’agyanom Nyankopɔn, mpo sɛ ɛnyɛ kronkronbea ahodwira so mpo a.


Komam nsiesiei yɛ onipa dea, na tɛkrɛma mmuae fi AWURADE.


Ma ɔbɔne nnyaw ne kwan na onipa huhuw mpa n’adwene, ma wɔnsan mmra AWURADE nkyɛn na ne yam bɛhyehye no ama wɔn, ne yɛn Nyankopɔn no nkyɛn, na ne kyɛ a ɔde bɛkyɛ dɔɔso.


Na mɛma wɔn koma a wɔde behu me sɛ mene AWURADE, na wɔadan me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn; na wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.


Ebia Yuda fi betie bɔne a mabɔ me tirim sɛ mɛyɛ wɔn no nyinaa, na wɔasan afi wɔn akwammɔne so, na mede wɔn amumɔyɛ ne wɔn bɔne mafiri wɔn.


Israel, sɛ wosan w’akyi a, AWURADE asɛm ni, me nkyɛn na san bra. Na sɛ wuyi w’akyide fi m’anim a, worenhinhim,


Enti ka kyerɛ Israel fi sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Monsan na monnan mo ho mfi mo abosonhunu no ho, na monnan mo ani mfi mo akyide no nyinaa ho.


Montotow mo mmaratode a mode too mmara no nyinaa mfi mo so ngu, na monyɛ koma foforo ne honhom foforo mfa. Na ɛdɛn nti na morewu yi, Israel fi?


Israel, san bra AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn; na w’amumɔyɛ nti woahwe ase.


Ɔman yi de wɔn anofafa na edi me ni, na wɔn koma de, atwe afi me ho kɔ akyirikyiri.


Ɛnna Yesu see no sɛ: Fi me so, Satan! Na wɔakyerɛw sɛ: Kotow sɔre Awurade, wo Nyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.


Obiara ntumi nsom awuranom baanu. Sɛ ɛba saa a, ɔbɛtan biako na wadɔ biako, anaasɛ ɔde ne ho bɛbata biako no na wabu biako animtiaa. Morentumi nsom Onyankopɔn ne mamon.


Na Yesu buaa no sɛ: Wɔakyerɛw sɛ: Sɔre Awurade wo Nyankopɔn, na ɔno nko na som no!


Onyankopɔn yɛ honhom, na wɔn a wɔsɔre no no, ɛsɛ sɛ wɔsɔre no honhom ne nokware mu.


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, ɔno na som no, na ne ho na bata, na ne din ho ntam na ka.


AWURADE mo Nyankopɔn akyi na munni, na ɔno na munsuro no, na ne mmara nsɛm so na munni, na ne nne na muntie, na monsom no, na mommata ne ho.


Na ɛhɔ nso mobɛhwehwɛ AWURADE wo Nyankopɔn, na sɛ wode wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa hwehwɛ n’akyi kwan a, wubehu no.


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, na ɔno na som no, na ne din ho ntam na ka;


ne Gilead fa ne Astarot ne Edrei, Og ahenni nkurow a ɛwɔ Basan no. Wɔde maa Manase ba Makir mma, sɛ ɛnyɛ Makir mma fa no dea, sɛ wɔn mmusua te.


Na afei munsuro AWURADE na monsom no mudi ne nokware mu, na mompa anyame a mo agyanom somee, asuogya ne Misraim no, na monsom AWURADE.


Na afei montotow amannɔne anyame a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnannan mo koma mma AWURADE mo Nyankopɔn.


Na woyiyii anyame ananafo no fii wɔn mu, na wɔsom AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahometew.


Na Israelfo kɔɔ so yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim ne Astarot ne Siria anyame ne Sidon anyame ne Moab anyame ne Amonfo anyame ne Filistifo anyame, na wogyaw AWURADE hɔ na wɔansom no.


Na Israelfo no yɛɛ nea ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔsom Baalim.


Na wogyaw AWURADE kɔsom Baal ne Astarot.


Na wɔde n’akode no kosiee Astarot dan mu, na ne funu no, wɔde sɛn Bet-san fasu ho.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan