Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 7:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna Samuel faa ɔbo biako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Ebeneser a ase ne: Ɔboa bo, kae sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abesi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Ɛnna Samuel faa ɔboɔ baako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Eben-eser kaa sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abɛsie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛnna Samuel faa ɔbo kɛse bi de sii Mispa ne Sen ntam. Na ɔtoo no din Ebeneser a ase ne “Ɔboa bo” na ɔkae se, “Ɛha na Awurade aboa yɛn abesi!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛnna Samuel faa ɔboɔ baako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Eben-eser kaa sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abɛsie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Ɛnna Samuel faa ɔboɔ kɛseɛ bi de sii Mispa ne Sen ntam. Na ɔtoo no edin Ebeneser a aseɛ ne “Ɔboa boɔ” na ɔkaa sɛ, “Ɛha na Awurade aboa yɛn abɛsi!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna Samuel faa ɔbo biako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Ebeneser a ase ne: Ɔboa bo, kae sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abesi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 7:12
18 Iomraidhean Croise  

Nea oyii yɛn fii saa owu kɛse yi mu no bɛkɔ so ara ayi yɛn, na yɛn ani da no so sɛ obeyi yɛn bio.


Na Yosua momaa abo dumien nso so sisii Yordan mu, nea asɔfo a wɔso apam adaka no anan sisii hɔ, na ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.


Na esiane sɛ Onyankopɔn di m’akyi nti na migyina hɔ de abedu nnɛ yi, na midi nnipa nketewa ne akɛse adanse, na menka biribiara sɛ nea adiyifo ne Mose kae sɛ ɛbɛba no:


Na Abraham too beae hɔ din sɛ Yahwe-Yire. Enti wɔka nnɛ ara sɛ AWURADE bepɔw so na wɔbehwɛ.


Na Yakob de odum sii nea ɔne no kasae hɔ, ɔbodum, na ohwiei ɔnom afɔre guu so, na ɔde ngo guu so.


Na Filistifo no faa Onyankopɔn adaka no, na wɔde fi Ebeneser kɔɔ Asdod.


Ɛda no na wɔde afɔremuka besi Misraim asase mfinimfini ama AWURADE, na ɔbodum besi ne hye ho ama AWURADE,


Onyankopɔn, wo na wufi me mmofraase kyerɛkyerɛɛ me, na maka w’anwonwade no mabedu sesɛɛ.


Wo na mifi yafunum mede m’akyi mitwerii wo, wuyii me fii me na yam, wo na meyi wo ayɛ daa yi.


Na Samuel asɛm duu Israel nyinaa. Na Israel tu kɔe sɛ wokohyia Filistifo ne wɔn ako; na wɔkɔbɔɔ nsra wɔ Ebeneser, na Filistifo nso bɛbɔɔ nsra wɔ Afek.


Na Mose sii afɔremuka, na ɔtoo din Yahwe Nisi, (ase ne: Awurade ne me frankaa),


Na Israel mmarima fii adi fii Mispa kɔtaa Filistifo no, na wokunkum wɔn ara kosii Betkar ase.


Na Saul sii afɔremuka maa AWURADE. Ɛno ne afɔremuka a edi kan a osi maa AWURADE.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan