Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 7:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Kiriat-yearimfo bae bɛfaa AWURADE adaka no de foro kɔɔ Abinadab fi, koko no so, na wodwiraa ne ba Eleasar sɛ ɔnhwɛ AWURADE adaka no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Kiriat-yearimfoɔ ba bɛfaa AWURADE adaka no de foro kɔɔ Abinadab fie, kokoɔ no so, na wɔdwiraa ne ba Eleasa sɛ ɔnhwɛ AWURADE adaka no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Enti Kiriat-Yearimfo begyee Awurade Apam Adaka no. Wɔde kɔɔ Abinadab fi a ɛda bepɔw nkyɛn baabi. Ɛhɔ na wodwiraa ne babarima Eleasar sɛ ɔnhwɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Kiriat-yearimfoɔ ba bɛfaa AWURADE adaka no de foro kɔɔ Abinadab fie, kokoɔ no so, na wɔdwiraa ne ba Eleasa sɛ ɔnhwɛ AWURADE adaka no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Enti, Kiriat-Yearimfoɔ bɛgyee Awurade Apam Adaka no. Wɔde kɔɔ Abinadab efie a ɛda bepɔ nkyɛn baabi. Ɛhɔ na wɔdwiraa ne babarima Eleasa sɛ ɔnhwɛ so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Kiriat-yearimfo bae bɛfaa AWURADE adaka no de foro kɔɔ Abinadab fi, koko no so, na wodwiraa ne ba Eleasar sɛ ɔnhwɛ AWURADE adaka no so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 7:1
9 Iomraidhean Croise  

na yɛnkɔfa yɛn Nyankopɔn adaka no mmra yɛn nkyɛn; na Saul bere so no, yɛammisa akyi kwan.


Hwɛ, yɛkɔtee wɔ Efrata, yekohuu wɔ Yaar asase so.


Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho, mo a mosoa AWURADE nnwinne no.


Na ɔhye no hima na ɛkɔntɔn kɔ atɔe fam fa bepɔw a ɛda Bet-horon anim nifa fam no, na ano kodu Kiriat-baal a ɛne Kiriat-yearim, Yudafo kurow bi. Atɔe fam de ne no.


Na Israelfo no tui, na wɔkɔtoo wɔn nkurow da a ɛto so abiɛsa no; na wɔn nkurow ne Gibeon ne Kefira ne Beerot ne Kiriat-yearim.


Na wɔsomaa abɔfo kɔɔ Kiriat-yearimfo nkyɛn sɛ: Filistifo de AWURADE adaka no aba na mommɛfa nkɔ mo nkyɛn.


Na adaka no baa Kiriat-yearim no, ɛkyɛe wɔ hɔ; edii mfirihyia aduonu. Na Israel fi nyinaa dii nkɔmmɔ hwehwɛɛ AWURADE akyi kwan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan