Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 6:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na monhwɛ: Sɛ ɛfa n’ankasa ne hye so kwan foro kɔ Bet-semes a, ɛnne na ɔno na ɔyɛ yɛn bɔne kɛse yi; na sɛ anyɛ saa a, na yɛahu sɛ ɛnyɛ ɔno na ne nsa haw yɛn, na asiane bi na asiane yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na monhwɛ, sɛ ɛfa ɛno ara ne hyeɛ so kwan foro kɔ Bet-semes a, ɛnneɛ na ɔno na ɔyɛ yɛn bɔne kɛseɛ yi; na sɛ anyɛ saa a, na yɛahunu sɛ ɛnyɛ ɔno na ne nsa ha yɛn, na asiane bi na asiane yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Na sɛ wɔtra yɛn asase hye, na wokodu Bet-Semes a, ɛbɛma yɛahu sɛ, ɛyɛ Awurade na ɔde saa amanehunu kɛse yi baa yɛn so. Na sɛ amma no saa a, yebehu sɛ saa ɔyaredɔm a ɛbaa yɛn so no yɛ akwanhyia bi, na mmom, emfi Awurade, wɔ ɔkwan biara so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na monhwɛ, sɛ ɛfa ɛno ara ne hyeɛ so kwan foro kɔ Bet-semes a, ɛnneɛ na ɔno na ɔyɛ yɛn bɔne kɛseɛ yi; na sɛ anyɛ saa a, na yɛahunu sɛ ɛnyɛ ɔno na ne nsa ha yɛn, na asiane bi na asiane yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Na sɛ wɔtra yɛn asase hyeɛ, na wɔkɔduru Bet-Semes a, ɛbɛma yɛahunu sɛ, ɛyɛ Awurade na ɔde saa amanehunu kɛseɛ yi baa yɛn so. Na sɛ amma no saa a, yɛbɛhunu sɛ saa ɔyaredɔm a ɛbaa yɛn so no yɛ akwanhyia bi, na mmom, ɛmfiri Awurade, ɛkwan biara so.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na monhwɛ: Sɛ ɛfa n’ankasa ne hye so kwan foro kɔ Bet-semes a, ɛnne na ɔno na ɔyɛ yɛn bɔne kɛse yi; na sɛ anyɛ saa a, na yɛahu sɛ ɛnyɛ ɔno na ne nsa haw yɛn, na asiane bi na asiane yɛn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 6:9
13 Iomraidhean Croise  

Na aberante a ɔka kyerɛɛ no no kae sɛ: Mikofii Gilboa Bepɔw so, na hwɛ, Saul tweri ne peaw ho, na hwɛ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo retaa no.


Deker ba wɔ Makas ne Saalbim ne Bet-semes ne Elon-bet-hanan;


Na Israel hene Yoas foro bae, na wɔde bɛbɔɔ anim, ɔno ne Yuda hene Amasia, wɔ Bet-semes a ɛyɛ Yuda dea no.


Na Farao hui sɛ wanya ahotɔ no, ɔhyɛɛ ne koma den, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no.


Mesan mihui owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam, na ɛbere ne mpofirim ade to wɔn nyinaa.


O AWURADE, womaa wo nsa so, nanso wɔanhwɛ; wobehu, na wɔn ani awu, ɔman ho ninkuntwe no; yiw, w’atamfo no, ogya bɛhyew wɔn.


Anaasɛ wɔhyɛn torobɛnto kurow mu a ɔman mmɔ piriw? Anaasɛ bɔne bi ba kurow bi mu a ɛnyɛ AWURADE na ɔma ɛbae?


Na ɛbae sɛ ɔsɔfo bi bɛfaa ɔkwan no so; na obehuu no no, otwaa ne ho kɔe.


Na ɔhye no kɔntɔn fi Baala kɔ atɔe, Seir bepɔw ho, na ɛsen kɔ Har-yearim, ɛne Kesalon, nkyɛn mu wɔ benkum fam; na esian kɔ Bet-semes, na ɛsen kɔ Timna;


ne Ain ne ɛho asase, ne Yuta ne ɛho asase, ne Bet-semes ne ɛho asase: Mmusuakuw abien yi mu nkurow akron.


Na nnipa no yɛɛ sa, na wɔfaa anantwi abien a wɔma nufu de wɔn sesaa teaseɛnam no, na wɔtoo wɔn mma mu ofie;


Na anantwi no faa ɔkwan tee kɔɔ Bet-semes kwan so; wɔnam ɔtempɔn koro so, na wɔrekɔ no na wɔde su, na wɔamman ankɔ nifa anaa benkum; na Filistifo asafohene no dii wɔn akyi koduu Bet-semes hye so.


Na wɔkae sɛ: Sɛ morema wɔde Israel Nyankopɔn adaka no akɔ a, mommma wɔmmfa no hunu nnkɔ, na mmom momfa asodi afɔre nka ho nkɔ. Ɛno ansa na wɔbɛsa mo yare, na mubehu nea enti a ne nsa mfi mo so yi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan