Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 6:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na wɔkae sɛ: Asodi afɔre bɛn na yɛmfa mma? Na wose: Momfa sika na wɔnyɛ no sɛ mpobia anum ne sika nkura anum, sɛnea Filistifo asafohene ano si, efisɛ ɔhaw koro no ara na ɛwɔ mo nyinaa ne mo asafohene so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na wɔkaa sɛ: Asodie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa mma? Na wɔse: Momfa sika na wɔnyɛ no sɛ mpɔmpɔ nnum ne sika nkura nnum, sɛdeɛ Filistifoɔ asafohene ano sie, ɛfiri sɛ ɔhaw koro no ara na ɛwɔ mo nyinaa ne mo asafohene soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Wobisae se, “Ɛno de, na afɔdi afɔre bɛn na yɛmfa nkɔ?” Na wɔka kyerɛɛ wɔn se, “Esiane sɛ ɔyaredɔm no abɔ mo ne mo asodifo baanum nti, monyɛ sikakɔkɔɔ te sɛ pɔmpɔ sɛso anum ne sikakɔkɔɔ akisi sɛso anum te sɛ nea asodifo no dodow te.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na wɔkaa sɛ: Asodie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa mma? Na wɔse: Momfa sika na wɔnyɛ no sɛ mpɔmpɔ nnum ne sika nkura nnum, sɛdeɛ Filistifoɔ asafohene ano sie, ɛfiri sɛ ɔhaw koro no ara na ɛwɔ mo nyinaa ne mo asafohene soɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Wɔbisaa sɛ, “Ɛnneɛ, na afɔdie afɔdeɛ bɛn na yɛmfa nkɔ?” Na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Esiane sɛ ɔyaredɔm no abɔ mo ne mo sodifoɔ baanum enti, monyɛ sikakɔkɔɔ te sɛ mpɔmpɔ sɛso enum ne sikakɔkɔɔ akusie sɛso enum te sɛ deɛ sodifoɔ no dodoɔ teɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na wɔkae sɛ: Asodi afɔre bɛn na yɛmfa mma? Na wose: Momfa sika na wɔnyɛ no sɛ mpobia anum ne sika nkura anum, sɛnea Filistifo asafohene ano si, efisɛ ɔhaw koro no ara na ɛwɔ mo nyinaa ne mo asafohene so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 6:4
10 Iomraidhean Croise  

Na Israelfo no yeyɛe sɛnea Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na wobisabisaa Misraimfo hɔ dwetɛ nnwinne ne sika nnwinne ne ntama.


ɛde fi Sihor a ɛwɔ Misraim apuei fam no ano de kosi Ekron hye so benkum fam no, wobu ma Kanaanfo; Filistifo ahemfo baanum no: Gasa de ne Asdod de, Askelon de, Gat de ne Ekron de, ne Awifo wɔ nifa fam;


Na AWURADE honhom sii no so denneennen, na osiim kɔɔ Askelon kokunkum wɔn mu mmarima aduasa, na ɔfaa wɔn ahode, na ɔde ntade nsakraho no momaa wɔn a wɔkyerɛɛ aborɔme no ase no. Na ne bo fuwii. Na ɔsan kɔɔ n’agya fi.


Filistifo ahemfo baanum no, ne Kanaanfo ne Sidonfo ne Hewifo a wɔte Lebanon bepɔw so de fi Baal-hermon bepɔw ho kosi Hamat ahyɛnee no nyinaa.


Na nnipa a wɔanwuwu no, mpobia sisii wɔn, na kurow no mufo su foro kɔɔ soro.


Na AWURADE twee Asdodfo aso, na oyii wɔn hu, na ɔde mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn, Asdod ne ɛho nkurow nketewa nyinaa mu.


Na wɔsoa kɔe no, AWURADE asotwe baa kurow no so, wibɔ kɛse pa ara, na ɔbobɔɔ kurow no mufo nketewa ne akɛse nyinaa, na mpobia sisii wɔn.


Enti monyɛ mo mpobia no sɛso ne mo nkura a wɔsɛe mo asase no sɛso, na momfa anuonyam mma Israel Nyankopɔn: Ebia ne nsa bɛyɛ hare afi mo ne mo anyame ne mo asase so.


na momfa AWURADE adaka no nsi teaseɛnam no so, na momfa sika nnwinne a mode rekɔyɛ asodi afɔre ama no no ngu adakawa mu mfa nsi nkyɛn, na munnya no kwan na ɛnkɔ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan