Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 6:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔkae sɛ: Sɛ morema wɔde Israel Nyankopɔn adaka no akɔ a, mommma wɔmmfa no hunu nnkɔ, na mmom momfa asodi afɔre nka ho nkɔ. Ɛno ansa na wɔbɛsa mo yare, na mubehu nea enti a ne nsa mfi mo so yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na wɔkaa sɛ: Sɛ morema wɔde Israel Nyankopɔn adaka no akɔ a, mommma wɔmmfa no hunu nnkɔ, na mmom momfa asodie afɔdeɛ nka ho nkɔ. Ɛno ansa na wɔbɛsa mo yadeɛ, na mobɛhunu deɛ enti a ne nsa mfiri mo soɔ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan mfa Israel Nyankopɔn Apam Adaka no nkɔ faako a mokɔfaa no, na momfa akyɛde nka ho. Momfa afɔdi afɔre nka ho, na ama ɔyaredɔm no agyae. Na sɛ ɔyaredɔm no annyae a, ɛbɛma moahu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde bae.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na wɔkaa sɛ: Sɛ morema wɔde Israel Nyankopɔn adaka no akɔ a, mommma wɔmmfa no hunu nnkɔ, na mmom momfa asodie afɔdeɛ nka ho nkɔ. Ɛno ansa na wɔbɛsa mo yadeɛ, na mobɛhunu deɛ enti a ne nsa mfiri mo soɔ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monsane mfa Israel Onyankopɔn Apam Adaka no nkɔ baabi a mokɔfaa no, na momfa akyɛdeɛ nka ho. Momfa afɔdie afɔdeɛ nka ho, na ama ɔyaredɔm no agyae. Na sɛ ɔyaredɔm no annyae a, ɛbɛma moahunu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde baeɛ.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na wɔkae sɛ: Sɛ morema wɔde Israel Nyankopɔn adaka no akɔ a, mommma wɔmmfa no hunu nnkɔ, na mmom momfa asodi afɔre nka ho nkɔ. Ɛno ansa na wɔbɛsa mo yare, na mubehu nea enti a ne nsa mfi mo so yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 6:3
15 Iomraidhean Croise  

Mese Onyankopɔn sɛ: Mmu me fɔ, ma minhu dekode a enti wo ne me ham yi.


Di apiti nnapa no. Nnansɔn na di apiti, sɛnea mehyɛɛ wo no, ɔsram Abib a ɛte sɛ Oforisuo mu bere a wɔahyɛ no, efisɛ ɛno mu na wufii Misraim bae; nso obi mmfa nsapan mmmepue m'anim;


Na afurum abakan de, fa oguan ba sesa no, na sɛ woansesa no a, ɛnne bu ne kɔn mu. Wo mmammarima mu mmakan nyinaa, sesa gye wɔn; na obiara mmfa ne nsapan mmmepue m'anim.


Na Farao hui sɛ wanya ahotɔ no, ɔhyɛɛ ne koma den, na wantie wɔn, sɛnea AWURADE kae no.


na ne bɔne a wayɛ no nti, ɔmfa n'asodi ho afɔre mmrɛ AWURADE, nguan mu ɔbere, oguanten anaa abirekyi, na ɛnyɛ bɔne ho afɔre, na ɔsɔfo no mpata mma no wɔ ne bɔne no ho.


na ɔmfa n'asodi ho afɔre a ɔde rebrɛ AWURADE no mmrɛ ɔsɔfo no, nguan mu dwennini a odi mu, sɛnea wɔbɛbɔ ne bo, na ɛnyɛ asodi ho afɔre.


Afirihyia biako mu mpɛn abiɛsa na wo mmarima nyinaa mmeyi wɔn ho adi AWURADE wo Nyankopɔn anim faako a ɔbɛkyerɛ hɔ: Apiti nnapɔnna, adapɛn dapɔnna ne asese nnapɔnna mu; na wɔmmfa nsapan mmmeyi wɔn ho adi, AWURADE anim;


Na wɔsoma kohyiahyiaa Filistifo asafohene nyinaa boaa ano, na wɔkae sɛ: Momma wɔmfa Israel Nyankopɔn adaka no nsan nkɔ ne sibea, na ankunkum yɛn ne yɛn man. Na owu anikrakra baa kurow no mu nyinaa, na Onyankopɔn nsa yɛɛ duru wɔ wɔn so wɔ hɔ.


Na nnipa a wɔte Asdod hui saa no, wɔkae sɛ: Mommma Israel Nyankopɔn adaka no nntena yɛn nkyɛn, efisɛ ɛde ɔhaw pii abrɛ yɛn ne yɛn nyame Dagon.


Na wɔsoa kɔe no, AWURADE asotwe baa kurow no so, wibɔ kɛse pa ara, na ɔbobɔɔ kurow no mufo nketewa ne akɛse nyinaa, na mpobia sisii wɔn.


na momfa AWURADE adaka no nsi teaseɛnam no so, na momfa sika nnwinne a mode rekɔyɛ asodi afɔre ama no no ngu adakawa mu mfa nsi nkyɛn, na munnya no kwan na ɛnkɔ.


Na monhwɛ: Sɛ ɛfa n’ankasa ne hye so kwan foro kɔ Bet-semes a, ɛnne na ɔno na ɔyɛ yɛn bɔne kɛse yi; na sɛ anyɛ saa a, na yɛahu sɛ ɛnyɛ ɔno na ne nsa haw yɛn, na asiane bi na asiane yɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan