Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 5:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na wɔsoa kɔe no, AWURADE asotwe baa kurow no so, wibɔ kɛse pa ara, na ɔbobɔɔ kurow no mufo nketewa ne akɛse nyinaa, na mpobia sisii wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na wɔsoa kɔeɛ no, AWURADE nsa baa kuro no so, ebumbɔ kɛseɛ pa ara, na ɔbobɔɔ kuro no mufoɔ nketewa ne akɛseɛ nyinaa na mpɔmpɔ sisii wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Nanso Bere a Onyankopɔn Apam Adaka no duu Gat no, Awurade maa pɔmpɔ bobɔɔ kurow no mufo, mpanyin ne mmofra, na wosuroo yiye.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na wɔsoa kɔeɛ no, AWURADE nsa baa kuro no so, ebumbɔ kɛseɛ pa ara, na ɔbobɔɔ kuro no mufoɔ nketewa ne akɛseɛ nyinaa na mpɔmpɔ sisii wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Nanso, ɛberɛ a Onyankopɔn Apam Adaka no duruu Gat no, Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ kuro no mufoɔ, mpanin ne mmɔfra, na wɔsuroo yie.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na wɔsoa kɔe no, AWURADE asotwe baa kurow no so, wibɔ kɛse pa ara, na ɔbobɔɔ kurow no mufo nketewa ne akɛse nyinaa, na mpobia sisii wɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 5:9
11 Iomraidhean Croise  

na ɔbobɔɔ n’atamfo ma wɔsan wɔn akyi, ɔbɔɔ wɔn daa adapaa.


Ɛte sɛnea obi guan fi gyata anim na osisi hyia no, na ɔba ofie na ɔde ne nsa tweri ɔfasu na ɔwɔ ka no.


Na AWURADE nsa nso daa wɔn so sɛ ɔresɛe wɔn afi nsra no mu akosi sɛ wobewie sa.


Na sɛ moantie AWURADE na motew AWURADE anom asɛm atua a, ɛnne AWURADE nsa bɛda mo so sɛnea ɛdaa mo agyanom so no.


Na wɔma wɔde Onyankopɔn adaka no kɔɔ Ekron. Na wɔde Onyankopɔn adaka no duu Ekron no, Ekronfo no teɛɛm sɛ: Wɔde Israel Nyankopɔn adaka no aba yɛn nkyɛn de rebekunkum yɛn ne yɛn man!


Na wɔsoma kohyiahyiaa Filistifo asafohene nyinaa boaa ano, na wɔkae sɛ: Momma wɔmfa Israel Nyankopɔn adaka no nsan nkɔ ne sibea, na ankunkum yɛn ne yɛn man. Na owu anikrakra baa kurow no mu nyinaa, na Onyankopɔn nsa yɛɛ duru wɔ wɔn so wɔ hɔ.


Na AWURADE twee Asdodfo aso, na oyii wɔn hu, na ɔde mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn, Asdod ne ɛho nkurow nketewa nyinaa mu.


na wɔde AWURADE adaka no sii teaseɛnam no so, na wɔde adakawa a sika nkura ne wɔn mpobia sɛso no wɔ mu no kaa ho.


Na wɔbrɛɛ Filistifo no ase, na wɔankɔ so amma Israelfo hye so bio; na AWURADE nsa daa Filistifo so, Samuel nna nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan