Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 5:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na wɔsoma kohyiahyiaa Filistifo asafohene nyinaa baa wɔn nkyɛn kae sɛ: Dɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no? Na wose: Wɔnsoa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat. Na wɔsoaa Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na wɔsoma maa wɔkɔhyiahyiaa Filistifoɔ asafohene nyinaa baa wɔn nkyɛn kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no? Na wɔse: Wɔnsoa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat. Na wɔsoaa Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Enti wɔfrɛɛ Filistifo nkuropɔn anum mu asodifo nyinaa bisaa wɔn se, “Dɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn Apam Adaka yi?” Asodifo no susuw asɛm no ho na wobuae se, “Momfa Israel Nyankopɔn Apam Adaka no nkɔ Gat.” Enti wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Gat.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na wɔsoma maa wɔkɔhyiahyiaa Filistifoɔ asafohene nyinaa baa wɔn nkyɛn kaa sɛ: Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no? Na wɔse: Wɔnsoa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat. Na wɔsoaa Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Enti, wɔfrɛɛ Filistifoɔ nkuropɔn enum mu sodifoɔ nyinaa bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na yɛnyɛ Israel Onyankopɔn Apam Adaka yi?” Sodifoɔ no susuu asɛm no ho na wɔbuaa sɛ, “Momfa Israel Onyankopɔn Apam Adaka no nkɔ Gat.” Enti, wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Gat.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na wɔsoma kohyiahyiaa Filistifo asafohene nyinaa baa wɔn nkyɛn kae sɛ: Dɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn adaka no? Na wose: Wɔnsoa Israel Nyankopɔn adaka no nkɔ Gat. Na wɔsoaa Israel Nyankopɔn adaka no kɔɔ hɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 5:8
11 Iomraidhean Croise  

ne Sabad, ne ba, ne Sutela, ne ba, ne Eser ne Elad. Na Gat mmarima a wɔwoo wɔn asase no so no kum wɔn, efisɛ wosian kɔe sɛ wɔkɔfa wɔn mmoakuw akɔ.


Monsen nkɔ Kalne nkɔhwɛ, na mumfi hɔ nkɔ Hamat kɛse, na munsian nkɔ Filistifo Gat. So woye sen ahenni yi, anaasɛ wɔn hye mu trɛw sen mo hye?


Na da no, mede Yerusalem mɛyɛ tɔkwaboba mama aman nyinaa; wɔn a wɔbɛma so nyinaa bepirapira, na wɔbɛboa asase so amanaman nyinaa ano ahyɛ no.


ɛde fi Sihor a ɛwɔ Misraim apuei fam no ano de kosi Ekron hye so benkum fam no, wobu ma Kanaanfo; Filistifo ahemfo baanum no: Gasa de ne Asdod de, Askelon de, Gat de ne Ekron de, ne Awifo wɔ nifa fam;


na ɔhye no fi kɔ Ekron nkyɛn mu benkum fam, na ɛkɔntɔn kɔ Sikron, na etwam kɔ Baala bepɔw no so, na efi kɔ Yabneel, na ɔhye no kɔpem po no ano.


Na ɔbarima katakyi bi fi Filistifo nsram fii adi, ne din de Goliat, ofi Gat, ne tenten si basafa abiɛsa ne nsama,


Ɛnna Israel ne Yuda mmarima sɔre bɔɔ ose na wotiw Filistifo no koduu Gat ne Ekron apon akyi. Na Filistifo apirafo no totɔe Saaraim kwan so de koduu Gat ne Ekron.


Ɛnna Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, woteɛ, na me de, anka eye ma me sɛ wo ne me bedi akɔneaba ɔsa yi mu; efisɛ efi da a wobaa me nkyɛn de besi nnɛ, minhuu wo ho bɔne bi ɛ; na asafohene no na ɛmpɛ wo.


Na wɔsoma kohyiahyiaa Filistifo asafohene nyinaa boaa ano, na wɔkae sɛ: Momma wɔmfa Israel Nyankopɔn adaka no nsan nkɔ ne sibea, na ankunkum yɛn ne yɛn man. Na owu anikrakra baa kurow no mu nyinaa, na Onyankopɔn nsa yɛɛ duru wɔ wɔn so wɔ hɔ.


Na nnipa a wɔte Asdod hui saa no, wɔkae sɛ: Mommma Israel Nyankopɔn adaka no nntena yɛn nkyɛn, efisɛ ɛde ɔhaw pii abrɛ yɛn ne yɛn nyame Dagon.


Ɛnna Filistifo frɛfrɛɛ asɔfo ne akɔmfo sɛ: Yɛnyɛ AWURADE adaka yi dɛn? Monkyerɛ yɛn dekode a yɛmfa nka ho nkɔ ne sibea.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan