Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 5:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na AWURADE twee Asdodfo aso, na oyii wɔn hu, na ɔde mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn, Asdod ne ɛho nkurow nketewa nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na AWURADE nsa yɛɛ duru Asdodfoɔ so, na ɔsɛee wɔn, na ɔde mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn, Asdod ne ɛho nkurowa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Na Awurade maa pɔmpɔ bobɔɔ Asdodfo ne ne mpɔtam hɔfo no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na AWURADE nsa yɛɛ duru Asdodfoɔ so, na ɔsɛee wɔn, na ɔde mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn, Asdod ne ɛho nkurowa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Na Awurade maa mpɔmpɔ bobɔɔ Asdodfoɔ ne ne mpɔtam hɔfoɔ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na AWURADE twee Asdodfo aso, na oyii wɔn hu, na ɔde mpɔmpɔ bobɔɔ wɔn, Asdod ne ɛho nkurow nketewa nyinaa mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 5:6
13 Iomraidhean Croise  

na ɔkɔm a ebedi akyiri no nti wɔrenhu asase no so aduan bebrebe no bio, efisɛ ɔkɔm no mu bɛyɛ dennennen.


So ɛnyɛ ɔsɛe ne obusufo ade, na akatua dennen ne amumɔyɛfo kyɛfa anaa?


AWURADE hwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefo nyinaa de, ɔbɛsɛe wɔn.


AWURADE ma ahobrɛasefo gyina, ɔtow abɔnefo hwe fam.


Na awia ne anadwo wo nsa yɛɛ me so duru, me mu nsu twee, na mikisae sɛ awia bere mu.


na ɔbobɔɔ n’atamfo ma wɔsan wɔn akyi, ɔbɔɔ wɔn daa adapaa.


hwɛ, AWURADE nsa bɛda wo mmoa a wɔwɔ wuram so, na ɔde owu a ano yɛ den kɛse bɛba apɔnkɔ, mfurum, yoma, anantwi ne nguan so.


Na afei, hwɛ, Awurade nsa da wo so, na w’ani befura, na worenhu owia, gye da bi. Na amonom hɔ ara kusukuukuu ne esum beduruu no so ma okyini hwehwɛɛ obi a obeso ne nsa akyerɛ no kwan.


AWURADE de Misraim mpobia ne mpɔmpɔ ne ntutui ne ntwom a wɔrentumi nsa bɛbobɔ wo.


Na wɔsoma kohyiahyiaa Filistifo asafohene nyinaa boaa ano, na wɔkae sɛ: Momma wɔmfa Israel Nyankopɔn adaka no nsan nkɔ ne sibea, na ankunkum yɛn ne yɛn man. Na owu anikrakra baa kurow no mu nyinaa, na Onyankopɔn nsa yɛɛ duru wɔ wɔn so wɔ hɔ.


Na nnipa a wɔte Asdod hui saa no, wɔkae sɛ: Mommma Israel Nyankopɔn adaka no nntena yɛn nkyɛn, efisɛ ɛde ɔhaw pii abrɛ yɛn ne yɛn nyame Dagon.


Na wɔsoa kɔe no, AWURADE asotwe baa kurow no so, wibɔ kɛse pa ara, na ɔbobɔɔ kurow no mufo nketewa ne akɛse nyinaa, na mpobia sisii wɔn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan