Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 5:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ade kyee a Asdodfo sɔree anɔpatutu no, hwɛ na, Dagon ahwe ase a n’anim butuw fam, wɔ AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na adeɛ kyeeɛ no, Asdodfoɔ sɔree anɔpatutu, na hwɛ, na Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso ade kyee a Asdod kurowmma no kɔhwɛe no, na Dagon ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butuw fam. Enti wɔmaa ohoni no so gyinaa hɔ bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na adeɛ kyeeɛ no, Asdodfoɔ sɔree anɔpatutu, na hwɛ, na Dagon ahwe ase a n’anim butu fam, AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Nanso, ɛberɛ a adeɛ kyeeɛ a Asdod kuro mma no kɔhwɛeɛ no, na Dagon ahwe fam wɔ Awurade Apam Adaka no anim a nʼanim butu fam. Enti, wɔmaa ohoni no so gyinaa hɔ bio.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ade kyee a Asdodfo sɔree anɔpatutu no, hwɛ na, Dagon ahwe ase a n’anim butuw fam, wɔ AWURADE adaka no anim. Na wɔmaa Dagon so de no sii ne sibea.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 5:3
17 Iomraidhean Croise  

Na wɔfaa nantwinini a wɔde maa wɔn no, na wosiesiei; na wɔbɔɔ Baal din fii anɔpa koduu owigyinae sɛ: Baal, gye yɛn so! Nso wɔante ɛnne bi, na obi nso annye so. Na wohuruhuruw twaa afɔremuka a wɔyɛe no ho hyiae.


Wɔn nsa, wɔmfa nka ade, wɔn anan, wɔmfa nnantew, na wɔmfa wɔn menewa nkasa.


Ahonisomfo, wɔn a wɔde abosonhuhuw hyehye wɔn ho no nyinaa ani awu, mo anyame nyinaa, monkotow no.


Na merebetwam Misraim asase so anadwo yi, na makum Misraim asase so mmakan nyinaa, efi nnipa so kosi mmoa so, na mebu Misraim anyame nyinaa atɛn, mene AWURADE.


Misraim ho atemmusɛm. Hwɛ, AWURADE te mununkum harehare so reba Misraim, na Misraim abosonhuhuw ho bɛpopo n’anim, na Misraim koma anan wɔ ne mu.


nea ayɛyɛde abɔ no no paw dua a ɛmporɔw; ɔhwehwɛ odwumfo nyansafo fa, na wasen ohoni a ɛnkeka ne ho.


Odwumfo hyɛ sikadwumfo den, nea ɔde asae toromtorom ho yɛ nea ɔbɔ atommo so saa ara, ɔka wɔ ɔsɔ no ho sɛ: Ayɛ yiye, na ɔde nnadewa bobɔ mu, na antu.


Wɔma no so bɔ no akɔnkɔn kɔsoɛ no si ne sibea, na esi hɔ; ɛntwe ne ho mfi n’afa; sɛ obi teɛm frɛ no a, ommua, na ontumi nnye obi n’ahohia mu.


Na wɔn nyinaa yɛ agyimifo ne nkwaseafo; ahoni kasakyerɛ! Enye mma hwee, ɛyɛ dua!


Awurade ho bɛyɛ wɔn hu, efisɛ ɔbɛma asase so anyame nyinaa ayera; na aman no mu biara befi ne tenabea aba, nsuano aman nyinaa, na wɔabɛsɔre no.


Na ahonhom fi nso hu no a, wɔhwehwe ase n’anim, na wɔteɛm sɛ: Wone Nyankopɔn ba no.


Na AWURADE adaka no dii Filistifo asase so asram asɔn.


Enti monyɛ mo mpobia no sɛso ne mo nkura a wɔsɛe mo asase no sɛso, na momfa anuonyam mma Israel Nyankopɔn: Ebia ne nsa bɛyɛ hare afi mo ne mo anyame ne mo asase so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan