Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 5:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Filistifo no faa Onyankopɔn adaka no, na wɔde fi Ebeneser kɔɔ Asdod.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Ɛberɛ a Filistifoɔ no faa Nyankopɔn adaka no, wɔde firi Eben-eser kɔɔ Asdod.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Filistifo no faa Onyankopɔn Apam Adaka no akyi, wɔmaa so fii Ebeneser akono hɔ kɔɔ kuropɔn Asdod mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Ɛberɛ a Filistifoɔ no faa Nyankopɔn adaka no, wɔde firi Eben-eser kɔɔ Asdod.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Filistifoɔ no faa Onyankopɔn Apam Adaka no akyi, wɔmaa so firii Ebeneser akono hɔ kɔɔ kuropɔn Asdod mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Filistifo no faa Onyankopɔn adaka no, na wɔde fi Ebeneser kɔɔ Asdod.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 5:1
12 Iomraidhean Croise  

Ɔde n’ahoɔden hyɛɛ nnommumfa mu, na ɔde n’anuonyam hyɛɛ ɔtamfo nsa.


Afe a Tartan baa Asdod, bere a Asaria hene Sargon somaa no na ɔne Asdod koe na odii nkonim no,


Momma ɛmfa Asdod aban so na wɔnte, ne Misraim asase so aban so, na monka sɛ: Mommoa mo ho ano, Samaria mmepɔw so, na mommɛhwɛ emu kitikiti bebree ne nhyɛso a ɛwɔ no mu no.


Na Filipo de, okofii Asoto; na ɔretwam no, ɔkaa asɛmpa no nkurow no nyinaa mu de kosii sɛ oduu Kaesarea.


Wɔannyaw Anakfo Israelfo no asase so; gye Gasa ne Gad ne Asdod na ebi kae.


ɛde fi Sihor a ɛwɔ Misraim apuei fam no ano de kosi Ekron hye so benkum fam no, wobu ma Kanaanfo; Filistifo ahemfo baanum no: Gasa de ne Asdod de, Askelon de, Gat de ne Ekron de, ne Awifo wɔ nifa fam;


Na Samuel asɛm duu Israel nyinaa. Na Israel tu kɔe sɛ wokohyia Filistifo ne wɔn ako; na wɔkɔbɔɔ nsra wɔ Ebeneser, na Filistifo nso bɛbɔɔ nsra wɔ Afek.


Na Onyankopɔn adaka no, Filistifo no fae, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas nso totɔe.


Enti na ose: Anuonyam apa afi Israel, efisɛ wɔafa Onyankopɔn adaka no.


Na AWURADE adaka no dii Filistifo asase so asram asɔn.


Ɛnna Samuel faa ɔbo biako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Ebeneser a ase ne: Ɔboa bo, kae sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abesi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan