Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 4:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na AWURADE apam adaka no duu nsram hɔ no, Israel nyinaa bɔɔ ose kɛse maa asase wosowee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na AWURADE apam adaka no duruu nsram hɔ no, Israel nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ maa asase wosoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Bere a Israelfo no huu sɛ wɔde Awurade Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosowee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na AWURADE apam adaka no duruu nsram hɔ no, Israel nyinaa bɔɔ ose kɛseɛ maa asase wosoe.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Ɛberɛ a Israelfoɔ no hunuu sɛ wɔde Awurade Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosoeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na AWURADE apam adaka no duu nsram hɔ no, Israel nyinaa bɔɔ ose kɛse maa asase wosowee.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 4:5
10 Iomraidhean Croise  

Na Abiatar bae na hwɛ, Sadok nso ni, a Lewifo nyinaa ka ne ho. Wɔso Onyankopɔn apam adaka no na wɔsoɛɛ Onyankopɔn adaka no sii hɔ, kosii sɛ ɔman no nyinaa fii kurow no mu twaam wiei ansa.


Na ɔman no nyinaa foro dii n’akyi bae, na ɔman no hyenhyɛn mmɔtɔwa, na wɔn ani gyee kɛse, na wɔn gyegyeegye no reyɛ ama asase mu apae.


sɛ abɔnefo ahurusidi nkyɛ, na nyaatwomfo anigye yɛ bere tiaa bi nko?


Mommfa mo ho nnto atosɛm so se: AWURADE asɔrefi, AWURADE asɔrefi, AWURADE asɔrefi ni!


O mo a mutu da bɔne hyɛ akyirikyiri, na mode nhyɛso agua twiw bɛn.


Sɛ obi a ɔnam keka ahuhusɛm na ɔdaadaa di atoro ka sɛ: Mɛka wo bobesa ne mmorosa ho adiyisɛm, a ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi adiyisɛnkafo!


Ɛnna ɔman no bɔɔ ose na wɔhyɛn ntorobɛnto no. Na ɔman no tee ntorobɛnto no nne no, ɔman no huro bɔɔ ose kɛse, na ɔfasu no hwee fam burum, na ɔman no foro kɔɔ kurow no mu, wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn anim tee, na wɔfaa kurow no.


Na sɛ wɔhyɛn osebɔ abɛn no na mote torobɛnto no nne a, ɔman no nyinaa nhuro mmɔ ose kɛse, na kurow no ho fasu no bɛhwe fam burum, na ɔman no mforo nkokɔ wɔn anim tee.


Ɔreyɛ adu Lehi no, Filistifo no bɔɔ no so ose. Na AWURADE honhom sii no so dennennen, na ntampehama a ɛwɔ ne basa ho no yeyɛɛ sɛ asaawa a wɔde ogya aka, na ne nhama no sansan fii ne nsa.


Na Filistifo tee osebɔ no, wɔkae sɛ: Hebrifo nsram osebɔ kɛse yi ase ne dɛn? Na wɔtee sɛ AWURADE adaka no aba nsra no mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan