Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 4:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna ɔman no soma kɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no bae, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Onyankopɔn apam adaka no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ɛnna ɔman no soma maa wɔkɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no baeɛ, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Nyankopɔn apam adaka no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Enti nnipa no somaa mmarima kɔɔ Silo, na wɔde Asafo Awurade a ɔte kerubim ntam Apam Adaka no bae. Saa bere no na Eli mmabarima baanu Hofni ne Pinehas ka wɔn a wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ akono hɔ no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Ɛnna ɔman no soma maa wɔkɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no baeɛ, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Nyankopɔn apam adaka no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Enti, nnipa no somaa mmarima kɔɔ Silo, na wɔde Otumfoɔ Awurade a ɔte Kerubim ntam Apam Adaka no baeɛ. Saa ɛberɛ no na Eli mmammarima baanu Hofni ne Pinehas ka wɔn a wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ akono hɔ no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Ɛnna ɔman no soma kɔɔ Silo kɔsoaa asafo AWURADE a ɔte Kerubim ntam no apam adaka no bae, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas, na wɔwɔ Onyankopɔn apam adaka no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 4:4
18 Iomraidhean Croise  

Na Abiatar bae na hwɛ, Sadok nso ni, a Lewifo nyinaa ka ne ho. Wɔso Onyankopɔn apam adaka no na wɔsoɛɛ Onyankopɔn adaka no sii hɔ, kosii sɛ ɔman no nyinaa fii kurow no mu twaam wiei ansa.


Na Dawid sɔree, na ɔne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa kɔe kofii Baaleyuda, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn adaka a wɔbɔ din sɛ asafo AWURADE a ɔte Kerubim so no afi hɔ aba.


Na Hesekia bɔɔ AWURADE anim mpae sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn a wote Kerubim so, wo nko ne Nyankopɔn asase so ahenni nyinaa so; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.


Israel guanhwɛfo, yɛ aso, wo a woka Yosef sɛ nguankuw, wo a wote Kerubim so, pue haran.


Efraim ne Benyamin ne Manase anim na ma wo hobere so, na bra begye yɛn.


AWURADE di hene, aman ho popo; ɔte Kerubim so, asase him.


Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn a wote Kerubim so, wo nko ne Nyankopɔn, asase so ahenni nyinaa so; wo na woyɛɛ ɔsoro ne asase.


Na afei, mode nkotɔsrɛ rehwehwɛ Onyankopɔn anim, sɛ ɔmmɛdom yɛn?. Mo nsam na ɛno fii, so mo nti ɔbɛhwɛ obi anim? Asafo Awurade na ose.


Na nsra no rebetu na Aaron ne ne mma no wie akronkronne no ne kronkronbea nneɛma no nyinaa ho kata a, ɛno akyi ansa na Kohat mma no nhyɛn mu nkɔma so, na wɔanka akronkronne no amma wɔanwuwu. Eyi ne Kohat mma adwuma, ahyiae ntamadan no mu.


Na sɛ nsra no rebetu a, Aaron ne ne mma mmra mmeyi ntwamu mmɔhɔɔ no, na wɔmfa nkata adanse adaka no ho,


Na Mose hyɛn ahyiae ntamadan no mu sɛ ɔne AWURADE rekɔkasa no, ɔtee ɛnne no sɛ ɛkasa kyerɛ no fi mpata agua a ɛwɔ adanse adaka no so no so wɔ kerubim abien no ntam; na Awurade kasa kyerɛɛ no.


Na otwaa no nufu wiei no, Hana faa abofra no kaa ne ho, de nantwinini a wadi mfe abiɛsa, asikresam olonka biako ne bobesa tumpan kɛse ma de no baa AWURADE fi Silo; na abofra no nnyinii ɛ.


Na Ahiya a ɔyɛ AWURADE sɔfo Eli a ɔtenaa Silo no ba Pinehas ba Ikabod ne nua Ahitub ba hyɛ asɔfotade no. Na ɔman no nnim sɛ Yonatan kɔ.


Nso Eli abɔ akora sɛ, na ɔtee nea ne mma de yɛ Israel nyinaa, no nyinaa ne sɛnea wɔne mmea a wɔyɛ ahyiae ntamadan ano adwuma no da.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan