Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 4:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔman no baa nsra no mu no, Israel mpanyin kae sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkogu nnɛ Filistifo anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfi Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmegye yɛn mfi yɛn atamfo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na ɔman no baa nsraban no mu no, Israel mpanin kaa sɛ: Adɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkoguo nnɛ Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmɛgye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔko no baa awiei, na Israel nsraadɔm no san kɔɔ wɔn nsraban mu hɔ no, Israel mpanyimfo no bisae se, “Adɛn nti na Awurade ama yɛadi nkogu nnɛ yi wɔ Filistifo anim yi? Momma yɛnkɔfa Awurade Apam Adaka no mfi Silo. Sɛ yɛde kɔ ɔsa a, ebegye yɛn afi yɛn atamfo nsam.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na ɔman no baa nsraban no mu no, Israel mpanin kaa sɛ: Adɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkoguo nnɛ Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfiri Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmɛgye yɛn mfiri yɛn atamfoɔ nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɔko no baa awieeɛ, na Israel akodɔm sane kɔɔ wɔn sraban mu hɔ no, Israel mpanimfoɔ no bisaa sɛ, “Adɛn nti na Awurade ama yɛadi nkoguo ɛnnɛ yi wɔ Filistifoɔ anim yi? Momma yɛnkɔfa Awurade Apam Adaka no mfiri Silo. Sɛ yɛde kɔ ɔsa a, ɛbɛgye yɛn afiri yɛn atamfoɔ nsam.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na ɔman no baa nsra no mu no, Israel mpanyin kae sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE ama yɛadi nkogu nnɛ Filistifo anim yi? Momma yɛnkɔfa AWURADE apam adaka no mfi Silo mmra yɛn nkyɛn, na ɛmmra yɛn mu mmegye yɛn mfi yɛn atamfo nsam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 4:3
34 Iomraidhean Croise  

Na ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: Fa Onyankopɔn adaka no san kɔ kurow no mu. Sɛ menya AWURADE anim anuonyam a, ɔde me bɛsan aba na wama mabehu no ne ne tenabea bio.


Na Dawid te ne fi no, ɔka kyerɛɛ odiyifo Natan sɛ: Hwɛ, me de, mete nkyeneduru dan mu, na AWURADE apam adaka no wɔ ntama ase.


Onyankopɔn, adɛn nti na woasum yɛn agu koraa, na w’abufuw rehyew w’adidibea nguan?


Adɛn nti na wotwe wo nsa, wo nsa nifa? Yi fi wo kokom na sɛe wɔn!


Sɛ AWURADE se ni: Ɛhe ara na mo maame awaregyae nhoma a mede mekoo no no wɔ? Anaasɛ m’akafo mu hena na metɔn mo memaa no? Hwɛ, mo amumɔyɛ nti na wɔatɔn mo, na mo mmarato nti na wɔako mo maame.


Wɔka sɛ: Ɛdɛn nti na yedi mmuada na wunhu, yɛbrɛ yɛn kra ase na wunnim yi? Hwɛ, mo abuada da no, moyɛ nea mo ara mopɛ, na moteetee mo adwumayɛfo nyinaa.


Hwɛ, AWURADE nsa nyɛ tiaa a ɛnso ogye, na n’aso nyɛ duru a ɛrente asɛm,


na mmom mo amumɔyɛ ne nea ɛma mo ne mo Nyankopɔn ntam pan, na mo bɔne na akata n’ani afi mo ho a enti ontie.


Na mo dɔɔso na mo ase fɛe asase no so a, saa bere no, AWURADE asɛm ni, wɔrenka bio sɛ: AWURADE apam adaka! Na ɛremma koma mu, na wɔrenkae, na wɔrenhwehwɛ, na wɔrenyɛ bi bio.


Mommfa mo ho nnto atosɛm so se: AWURADE asɔrefi, AWURADE asɔrefi, AWURADE asɔrefi ni!


Ɛnna wotutu fii AWURADE bepɔw no ho nantew nnansa kwan, na AWURADE apam adaka no tu dii wɔn anim nnansa sɛ ɛrekɔkyerɛ wɔn asoɛe no;


Na sɛ adaka no retu a, Mose ka sɛ AWURADE, sɔre na w'atamfo mmɔ mpete na wɔn a wokyi wo nguan w'anim.


Na Mose somaa wɔn kɔɔ ɔsa no, abusuakuw biara mu apem, wɔne ɔsɔfo Eleasar ba Pinehas, a kronkronbea hɔ nneɛma ne osebɔ ntorobɛnto no wɔ ne nsam.


na amanaman nyinaa bɛka sɛ: Ɛdɛn nti na AWURADE ayɛ asase yi sɛɛ yi? Abufuw kɛse hyewhyew yi yɛ dɛn?


Momfa mmara nhoma yi nto AWURADE mo Nyankopɔn apam adaka no ho, na ɛntena hɔ nni wo adanse.


wɔkekare wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!


Ɛwɔ sika aduhuamhyew muka ne apam adaka a wɔde sika adura ho nyinaa, a sika pɔre a mana wɔ mu ne Aaron poma a ɛfefɛwee ne apam abopon no wɔ mu.


Monka nkyerɛ wɔn sɛ: Ɛkyerɛ sɛ Yordan nsu no twae, AWURADE apam adaka no anim bere a apam adaka no twaa Yordan no, na abo yi nyɛ nkae mma Israelfo nkosi daa.


Na Nun ba Yosua frɛfrɛɛ asɔfo no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monsoa apam adaka no, na asɔfo baasɔn nkurakura osebɔ ntorobɛnto nni AWURADE adaka no anim.


Na Yosua bisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdɛn nti na wode ɔman yi twaa Yordan sɛ wode yɛn rebɛhyɛ Amorifo nsa na wɔasɛe yɛn? Yenim a, anka yɛpene tenaa Yordan agya hɔ ara.


Wo kyɛw ni, Awurade, sɛ Israel adan wɔn akyi akyerɛ wɔn atamfo yi, dɛn na menka?


Ɛno na afei ne nsɛso a ɛno ne asubɔ no, gye mo nso nkwa, a ɛnyɛ ɔhonam ho fi yi mu, na mmom ɛyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔre nti yɛnam so yɛ Onyankopɔn de.


Na mepɛ sɛ mekae mo a moahu eyi prɛko dedaw sɛ: Awurade gyee ɔman no fii Misraim asase so no, akyiri no, ɔsɛee wɔn a wonnye nni no.


Na otwaa no nufu wiei no, Hana faa abofra no kaa ne ho, de nantwinini a wadi mfe abiɛsa, asikresam olonka biako ne bobesa tumpan kɛse ma de no baa AWURADE fi Silo; na abofra no nnyinii ɛ.


Na Saul ka kyerɛɛ Ahiya sɛ: Kɔfa Onyankopɔn adaka no bra. Nso da no, na Onyankopɔn adaka no wɔ Israelfo no nkyɛn.


Na Filistifo no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛwee, na Israelfo dii nkogu Filistifo no anim, na wokum wɔn mu nnipa bɛyɛ mpemnan.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan