Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 4:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Na Samuel asɛm duu Israel nyinaa. Na Israel tu kɔe sɛ wokohyia Filistifo ne wɔn ako; na wɔkɔbɔɔ nsra wɔ Ebeneser, na Filistifo nso bɛbɔɔ nsra wɔ Afek.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Na Samuel asɛm duruu Israel nyinaa nkyɛn. Na Israel tu kɔɔ sɛ wɔrekɔhyia Filistifoɔ ne wɔn akɔko; na wɔkɔkyeree nsraban Eben-eser, na Filistifoɔ nso bɛkyeree nsraban Afek.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Saa bere no, na Israelfo ne Filistifo reko. Israelfo nsraadɔm kyeree nsraban wɔ Ebeneser, na Filistifo nso kyeree nsraban wɔ Afek.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Na Samuel asɛm duruu Israel nyinaa nkyɛn. Na Israel tu kɔɔ sɛ wɔrekɔhyia Filistifoɔ ne wɔn akɔko; na wɔkɔkyeree nsraban Eben-eser, na Filistifoɔ nso bɛkyeree nsraban Afek.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Na nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa tee nsɛm a ɛfiri Samuel hɔ. Saa ɛberɛ no, na Israelfoɔ ne Filistifoɔ reko. Israelfoɔ akodɔm kyeree sraban wɔ Ebeneser ɛnna Filistifoɔ nso kyeree sraban wɔ Afek.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Na Samuel asɛm duu Israel nyinaa. Na Israel tu kɔe sɛ wokohyia Filistifo ne wɔn ako; na wɔkɔbɔɔ nsra wɔ Ebeneser, na Filistifo nso bɛbɔɔ nsra wɔ Afek.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 4:1
14 Iomraidhean Croise  

Na ɔpɛ bere mfiase no, Ben-hadad kenkan Siriafo dɔm na ɔforo baa Afek sɛ ɔne Israel rebɛko.


Na nkae no guanguan kɔɔ Afek kurow no mu, na ɔfasu no buruw guu nnipa a wɔkae no mu ɔpeduonu ason so. Na Ben-hadad de, oguan kɔɔ kurow no mu fi pia mu kɔɔ pia mu.


Gebal ne Amon ne Amalek, Filistifo asase ne wɔn a wɔte Tiro.


Ɛnnɛ mo nyinaa mugyina AWURADE mo Nyankopɔn anim, mo atitiriw, mo mmusuakuw, mo mpanyimfo ne mo ahwɛfo, Israel mmarima nyinaa;


Afek hene, Saron hene,


Kanaanfo asase no nyinaa, ne Meara a ɛyɛ Sidonfo de no de kosi Afek kodu Amorifo hye so;


ne Yanum ne Bet-apua ne Afeka,


ne Uma ne Afek ne Rehob: Nkurow aduonu abien ne ɛho nkuraa.


nanso ɛnnɛ moapa mo Nyankopɔn a ɔno na ogye mo mo amane ne mo ahohia nyinaa mu no, na muse no sɛ: Dabi, na si yɛn so hene. Na afei mummegyina AWURADE anim sɛ mo mmusuakuw ne mo mpem dodow te.


Afei Filistifo boaboaa wɔn dɔm nyinaa ano baa Afek, na Israelfo kɔbɔɔ nsra nsuaniwa a ɛwɔ Yesreel no ho.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Hwɛ, merebɛyɛ biribi Israelfo mu a obiara a ɔbɛte no aso abien mu bɛyɛ no yɔnn.


Na Filistifo no twaa mpasua hyiaa Israel, na ɔko no mu trɛwee, na Israelfo dii nkogu Filistifo no anim, na wokum wɔn mu nnipa bɛyɛ mpemnan.


Na Filistifo no faa Onyankopɔn adaka no, na wɔde fi Ebeneser kɔɔ Asdod.


Ɛnna Samuel faa ɔbo biako de sii Mispa ne Sen ntam, na ɔtoo no din Ebeneser a ase ne: Ɔboa bo, kae sɛ: Ɛha na AWURADE aboa yɛn abesi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan