Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 3:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Da no na mɛma ade a maka atia Eli fi nyinaa aba mu fi mfiase de kosi awiei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Da no na mɛma adeɛ a maka atia Eli fie nyinaa agyina firi mfitiaseɛ de kɔsi awieeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Merebɛyɛ nea maka atia Eli ne nʼabusuafo no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Da no, na mɛma adeɛ a maka atia Eli fie nyinaa aba mu firi mfitiaseɛ de kɔsi awieeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Merebɛyɛ deɛ maka atia Eli ne nʼabusuafoɔ no nyinaa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Da no na mɛma ade a maka atia Eli fi nyinaa aba mu fi mfiase de kosi awiei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 3:12
11 Iomraidhean Croise  

na ɔhonam nyinaa ahu sɛ me, AWURADE, matwe me nkrante afi ne boha mu, ɛrensan nkɔ mu bio.


Nanso me nsɛm ne m’ahyɛde a mehyɛɛ me nkoa adiyifo no, so anto mo agyanom? Na wɔsanee na wɔkae sɛ: Sɛnea asafo Awurade dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛe te no, saa na ɔne yɛn adi no.


Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atoro, anaa onipa ba, na wanu ne ho. So ɔno de, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ, anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma entim?


Ɔsoro ne asase betwam, na me nsɛm de, ɛrentwam da.


Na sɛnea asɛmpa a AWURADE kaa mo no nyinaa aba mo so no, saa ara na AWURADE bɛma asɛmmɔne nyinaa nso aba mo so akosi sɛ ɔbɛsɛe mo afi asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi so.


na Israelfo nsa kɔɔ so yɛɛ den Kanaan hene Yabin so kosii sɛ wotuu no gui.


Na Onyankopɔn adaka no, Filistifo no fae, na Eli mma baanu no, Hofni ne Pinehas nso totɔe.


Na ɔbɔfo no buae sɛ: Israelfo adi nkogu Filistifo anim, na wɔakunkum Israelman no mu nnipa pii nso, na wo mma baanu no, Hofni ne Pinehas nso atotɔ, na atamfo no afa Onyankopɔn adaka no.


Na ɔtoo abofra no din Ikabod, ase ne: Anuonyam wɔ he? Ɛna ose: Ɔfa a wɔafa Onyankopɔn adaka no, ne n’ase ne ne kunu wu no nti, anuonyam no afi Israel kɔ.


Enti na ose: Anuonyam apa afi Israel, efisɛ wɔafa Onyankopɔn adaka no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan