Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 28:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Na ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo ara wunim nea Saul ayɛ, sɛnea watwitwa asamanfrɛfo ne asumanfo afi asase yi so, na ɛdɛn nti na woresum me kra afiri ama wɔakum me yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Na ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo ara wonim deɛ Saulo ayɛ, sɛdeɛ watwitwa asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ afiri asase yi soɔ, na adɛn nti na woresum me kra fidie ama wɔaku me yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔbea no bisae se, “Wopɛ sɛ wokum me ana? Wunim sɛ Saulo apam asamanfrɛfo ne ahohomfrɛfo nyinaa afi asase yi so. Adɛn nti na wusum me afiri?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Na ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo ara wonim deɛ Saulo ayɛ, sɛdeɛ watwitwa asamanfrɛfoɔ ne adunsinfoɔ afiri asase yi soɔ, na adɛn nti na woresum me kra fidie ama wɔaku me yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔbaa no bisaa sɛ, “Wopɛ sɛ wɔkum me anaa? Wonim sɛ Saulo apamo asamanfrɛfoɔ ne ahohomfrɛfoɔ nyinaa afiri asase yi so. Adɛn enti na wosum me afidie?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Na ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo ara wunim nea Saul ayɛ, sɛnea watwitwa asamanfrɛfo ne asumanfo afi asase yi so, na ɛdɛn nti na woresum me kra afiri ama wɔakum me yi?

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 28:9
5 Iomraidhean Croise  

Anka me ara na mayɛ me ho bɔne, efisɛ asɛm biara nhintaw ɔhene na anka wo nso wobɛpa m’akyi.


Na Israel hene kan nhoma no, osunsuanee ne ntade mu kae sɛ: So Onyankopɔn ne me na mekum na mama nkwa, sɛ oyi resoma aba me nkyɛn sɛ mensa obi kwata yi? Ampa, monhwɛ nhu sɛ asɛm na ɔrepɛ me.


Monnnan mo ho nnkɔ ɔdebisafo nkyɛn, na monnhwehwɛ asumanfo akyi kwan mmfa nngu mo ho fi wɔ wɔn ho: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na Saul kaa no AWURADE ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, worenni asɛm yi mu so bi.


Nso na Samuel awu, na Israel nyinaa agyam no asie no Rama, n’ankasa ne kurom. Na Saul atu asamanfrɛfo ne asumanfo nyinaa afi asase no so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan