Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 28:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Na Saul sakraa ne ho hyɛɛ atade foforo, na osiim kɔe, ɔno ne nnipa baanu a wɔka ne ho, na woduu ɔbea no nkyɛn anadwo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa ɔsamanfrɛ so hyɛ me nkɔm, na ma nea mɛbɔ ne din makyerɛ wo no mforo mmra mma me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Na Saulo sakyeraa ne ho hyɛɛ atadeɛ foforɔ, na ɔsii mu kɔeɛ a na nnipa baanu ka ne ho, na wɔduruu ɔbaa no nkyɛn anadwo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa ɔsamanfrɛ so hyɛ me nkɔm, na ma deɛ mɛbɔ ne din makyerɛ woɔ no mforo mmra mma me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Enti Saulo hyɛɛ ntade afoforo a ɛnyɛ ɔhene afade, sakraa ne ho, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbea no nkyɛn anadwo. Saulo kae se, “Ɛsɛ sɛ me ne obi a wawu kasa. Wubetumi afrɛ ne honhom ama me ana?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Na Saulo sakyeraa ne ho hyɛɛ atadeɛ foforɔ, na ɔsii mu kɔeɛ a na nnipa baanu ka ne ho, na wɔduruu ɔbaa no nkyɛn anadwo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa ɔsamanfrɛ so hyɛ me nkɔm, na ma deɛ mɛbɔ ne din makyerɛ woɔ no mforo mmra mma me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Enti, Saulo sesaa ne ho, hyɛɛ ntadeɛ afoforɔ nsakyeramu bi a ɛnyɛ ɔhene afadeɛ, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbaa no nkyɛn anadwo. Saulo kaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ me ne obi a wawu kasa. Wobɛtumi afrɛ ne sunsum ama me anaa?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Na Saul sakraa ne ho hyɛɛ atade foforo, na osiim kɔe, ɔno ne nnipa baanu a wɔka ne ho, na woduu ɔbea no nkyɛn anadwo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa ɔsamanfrɛ so hyɛ me nkɔm, na ma nea mɛbɔ ne din makyerɛ wo no mforo mmra mma me.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 28:8
12 Iomraidhean Croise  

Na sɛ wɔka kyerɛ mo sɛ: Mummisa asamanfrɛfo ne asumanfo a wɔde nnomaa su ne asutu kasa no a, so ɛnyɛ ɔman no Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wobisa ne hɔ ade? So awufo hɔ na wommisa ade mma ateasefo?


Na Saul wui ne fom a ɔfom AWURADE no ne AWURADE asɛm a wanni so no ne sɛ nso okobisaa ɔsamanfrɛfo hɔ ade hwehwɛɛ n’akyi kwan,


Nanso Yosia annan n’ani amfi ne ho, na mmom ɔsakraa ne ho sɛ ɔne no rekɔko, na wantie Neko nsɛm a efi Onyankopɔn anom no. Na ɔkɔe kɔkoe Megido bon mu.


Na Israel hene no ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakra me ho na makɔ dɔm no mu, na wo de, hyɛ wo ntade. Na Israel hene no sakraa ne ho, na ɔkɔɔ dɔm no mu.


Na Israel hene ka kyerɛɛ Yehosafat sɛ: Mɛsakra me ho na makɔ dɔm no mu, na wo de, hyɛ wo ntade. Na Israel hene no sakraa ne ho, na ɔkɔɔ dɔm no mu.


Na eyi mmom ne atemmu no, sɛ hann no aba wiase, na nnipa dɔ sum sen hann no; efisɛ wɔn nnwuma yɛ bɔne.


Sɛ obi de ne ho hintaw hintabea bi a, so merenhu no anaa? AWURADE asɛm ni. So ɛnyɛ ɔsoro ne asase na mehyɛ no mama anaa? AWURADE asɛm ni.


Na ɔbarima bi twee ne ta mu anibiannaso so, na ɔde saa Israel hene no mmɔtoam ne nkatabo no ntam. Na ɔka kyerɛɛ ne teaseɛnamkafo no sɛ: Dan wo nsa fa me fi dɔm yi mu, na mapira.


Wɔn anim ara na fa to wo kɔn ho, na anim mua a, wode afi adi; kata w’ani na woanhu asase no, na mede wo mayɛ sɛnkyerɛnne mama Israel fi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan