Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 28:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Filistifo no boaboaa wɔn ho ano bae bɛbɔɔ nsra Sunem. Na Saul boaboaa Israelfo nyinaa ano, na wɔbɔɔ nsra Gilboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Filistifoɔ no boaboaa wɔn ano ba bɛkyeree nsraban Sunem. Na Saulo boaboaa Israelfoɔ nyinaa ano, na wɔkyeree nsraban Gilboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Filistifo no boaa wɔn ho ano, kyeree nsraban wɔ Sunem, na Saulo nso boaboaa Israelfo no nyinaa ano, kyeree nsraban wɔ Gilboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Filistifoɔ no boaboaa wɔn ano ba bɛkyeree nsraban Sunem. Na Saulo boaboaa Israelfoɔ nyinaa ano, na wɔkyeree nsraban Gilboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Filistifoɔ no boaa wɔn ho ano, kyeree sraban wɔ Sunem. Ɛnna Saulo nso boaboaa Israelfoɔ no nyinaa ano, kyeree sraban wɔ Gilboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Filistifo no boaboaa wɔn ho ano bae bɛbɔɔ nsra Sunem. Na Saul boaboaa Israelfo nyinaa ano, na wɔbɔɔ nsra Gilboa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 28:4
9 Iomraidhean Croise  

Mo Gilboa mmepɔw, wɔmmma obosu ne osu nngu mo so, na nnɔbae mfuw mmma mo so, na ɛhɔ na wɔtow ɔhoɔdenfo kyɛm kyenee, nsaase a wɔbɔ so afɔre, Saul kyɛm, sɛ nea wɔnsraa no ngo de.


Na aberante a ɔka kyerɛɛ no no kae sɛ: Mikofii Gilboa Bepɔw so, na hwɛ, Saul tweri ne peaw ho, na hwɛ, nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo retaa no.


Na Dawid kɔe kogyee Saul nnompe ne ne ba Yonatan nnompe Yabes-gileadfo nsam, na wɔn na wokowiae Bet-san abɔnten so, nea Filistifo de sensɛnee da a Filistifo kum Saul wɔ Gilboa no.


Ɛnna wɔkɔhwehwɛɛ ababaa hoɔfɛfo bi Israel ahye nyinaa mu, na wokohuu Sunamni Abisag, na wɔde no brɛɛ ɔhene.


Na da bi Elisa sen kɔɔ Sunem. Na ɔbea ɔdefo bi wɔ hɔ a ɔhyɛɛ no sɛ ommedidi. Enti daa ɔretwam a, ɔman hɔ kodidi.


Na wɔn hye kɔɔ Yesreel ne Kesulot ne Sunem,


Na Saul huu Filistifo nsra no no, osuroe, na ne koma tui papaapa.


Na Filistifo ne Israel koe; na Israel mmarima guanee Filistifo anim, na wɔtotɔe Gilboa bepɔw so.


Na ade kyee a Filistifo bae beyiyii atɔfo ho ade no, wohuu Saul ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ Gilboa bepɔw so.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan