Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 27:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Ɛnna Akis de Siklag maa no da no ara; enti Siklag dan Yuda ahene de de besi nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Ɛnna Akis de Siklag maa no da no ara; enti Siklag danee Yuda ahemfo deɛ de bɛsi nnɛ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Enti Akis de Siklag kurow maa no, (na efi saa da no, ɛhɔ abɛyɛ Yuda ahemfo atenae de besi nnɛ),

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛnna Akis de Siklag maa no da no ara; enti Siklag danee Yuda ahemfo deɛ de bɛsi nnɛ yi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Enti, Akis de Siklag kuro maa no, (na ɛfiri saa ɛda no, ɛhɔ abɛyɛ Yuda ahemfo atenaeɛ de bɛsi ɛnnɛ),

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Ɛnna Akis de Siklag maa no da no ara; enti Siklag dan Yuda ahene de de besi nnɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 27:6
12 Iomraidhean Croise  

Na Saul wu akyi a Dawid asan afi Amalek kum aba no, Dawid dii Siklag nnanu.


Na eyinom ne wɔn a wɔbaa Dawid nkyɛn Siklag bere a ɔda so siw ne ho so Kis ba Saul anim no, na wɔn nso fra nnɔmmarima a wɔboaa no akodi mu no mu,


Na osiim kɔɔ Siklag no, Manasefo mu binom wae bɛdɔm no: Adna ne Yosabad ne Yediael ne Mikael ne Yosabad ne Elihu ne Siletai, Manase mpem so atitiriw.


ne Betuel ne Horma ne Siklag,


ne Siklag ne Mekona ne ɛho nkurowa mu,


ne Siklag ne Madmana ne Sansana,


Siklag, Bet-markabot ne Hasar-susa,


Na ɔde ne kra too ne nsam kokum Filistini no, na AWURADE dii nkonim kɛse maa Israel nyinaa. Wuhui na w’ani gyei; na ɛdɛn nti na worebɛyɛ mogya a edi bem ho bɔne na woakum Dawid kwa?


Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Sɛ manya w’anim anuonyam a, ma wɔmma me tenabea bi wuram nkurow no bi mu, na menkɔtena hɔ: Na ɛdɛn nti na w’akoa ne wo ntena ahenkurow mu?


Na Filistifo asafohene no bo fuw no, na Filistifo asafohene no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma ɔbarima yi nsan, na ɔnsan nkɔ ne tenabea a wode no tenae hɔ, na mma ɔne yɛn nnkɔ ɔsa no, na wannan n’ani ankyerɛ yɛn ɔko no mu; na ɛdɛn na oyi de bɛpata ne wura? So ɛnyɛ nnipa yi ti?


Na Dawid ne ne mmarima no duu Siklag da a ɛto so abiɛsa no, na Amalekfo abetua atifi fam ne Siklag, na wɔabɔ Siklag, na wɔde gya ahyew.


Yekotuaa Keretifo nifa ne nea ɛyɛ Yuda dea no ne Kaleb nifa, na yɛde gya hyew Siklag.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan