Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 26:16 - KYERƐW KRONKRON

16 Asɛm a woadi yi nye. Sɛ AWURADE te ase yi, mosɛ owu, sɛ moanwɛn mo wura a AWURADE asra no no. Na afei, hwɛ nea ɔhene peaw ne nsu kuruwa a esisi n’atifi no wɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

16 Asɛm a woadie yi nyɛ. Sɛ AWURADE te aseɛ yi, mosɛ wuo, sɛ moanwɛn mo wura a AWURADE asra no no. Na afei, hwɛ deɛ ɔhene pea ne nsuo kuruwa a ɛsisi n’atifi no wɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 Saa asɛm yi nye koraa! Meka ntam wɔ Awurade din mu sɛ, wo ne wo mmarima no nyinaa sɛ owu, efisɛ moantumi ammɔ mo wura, nea Awurade asra no no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no peaw ne ne sukuruwa a na esi ne ti ho no wɔ he?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

16 Asɛm a woadie yi nyɛ. Sɛ AWURADE te aseɛ yi, mosɛ wuo, sɛ moanwɛn mo wura a AWURADE asra no no. Na afei, hwɛ deɛ ɔhene pea ne nsuo kuruwa a ɛsisi n’atifi no wɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 Saa asɛm yi nyɛ koraa! Meka ntam wɔ Awurade din mu sɛ, wo ne wo mmarima no nyinaa sɛ owuo, ɛfiri sɛ, moantumi ammɔ mo wura, deɛ Awurade asra noɔ no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no pea ne ne sukuruwa a na ɛsi ne tiri ho no wɔ he?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

16 Asɛm a woadi yi nye. Sɛ AWURADE te ase yi, mosɛ owu, sɛ moanwɛn mo wura a AWURADE asra no no. Na afei, hwɛ nea ɔhene peaw ne nsu kuruwa a esisi n’atifi no wɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 26:16
11 Iomraidhean Croise  

Ɛnna Dawid bo hurui pii hyɛɛ ɔbarima no, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, ɔbarima a ɔyɛɛ eyi no sɛ owu.


Na m’agya fi nyinaa nyɛ hwee sɛ owu mma ma me wura ɔhene, nanso wode w’akoa sii wɔn a wodidi wo pon so mu. Na asɛntrenee bɛn na mewɔ bio, nso dɛn na mede mɛteɛm mafrɛ ɔhene bio.


Na ɔsɔfo Abiatar nso, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ Anatot, w’ankasa asase so, na wosɛ owu; nanso ɛnnɛ yi de, merenkum wo, efisɛ woasoa AWURADE Nyankopɔn adaka m’agya Dawid anim, na wuhuu amane a m’agya hui no nyinaa nso bi.


sɛ obetie apokyerɛfo apinisi, na wasan owu mma;


Ma ɔpokyerɛni apinisi nnu w’anim, sɛ wo nsa kɛseyɛ te no, kora owu mma so.


Wɔn mu na anka kan no, yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso.


Na mmere dodow a Yese ba no te ase asase so yi, wo ne w’ahenni rennyina. Enti soma ma wɔnkɔfa no mmrɛ me, na owu ara na obewu.


Na ɔka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: AWURADE mma ɛmpare me sɛ mɛyɛ me wura a AWURADE asra no no ade a ɛte sɛɛ, sɛ mɛteɛ me nsa maka no, efisɛ nea AWURADE asra no ne no.


AWURADE mma ɛmpare me sɛ mɛteɛ me nsa maka nea AWURADE asra no no. Na afei fa peaw a ɛwɔ n’atifi no ne nsu kuruwa no na yɛnkɔ.


Na Dawid ka kyerɛɛ Abner sɛ: So wonyɛ ɔbarima? Na hena na ɔte sɛ wo Israel mu? Na ɛdɛn nti na woanwɛn wo wura ɔhene? Na dɔm no mu bi bae sɛ anka ɔrebekum wo wura ɔhene.


Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Nkum no, na hena na ɔteɛ ne nsa ka nea AWURADE asra no na odi bem?


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan