Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 26:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna Dawid faa peaw ne nsu kuruwa no fii Saul atifi, na wɔkɔe: Na obiara anhu, obiara ante, na obiara annyan, na wɔn nyinaa adeda, efisɛ AWURADE nnahɔɔ atotɔ wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Ɛnna Dawid faa pea ne nsuo kuruwa no firii Saulo atifi, na wɔkɔe: Na obiara anhunu, na obiara ante, na obiara annyane, na na wɔn nyinaa adeda, ɛfiri sɛ AWURADE nnahɔɔ atotɔ wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na Dawid faa peaw no ne sukuruwa a esi Saulo ti ho no, na wɔkɔe a obiara anhu wɔn na wɔn mu biara nso annyan mpo. Na wɔn nyinaa adeda, efisɛ Awurade de nnahɔɔ too wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Ɛnna Dawid faa pea ne nsuo kuruwa no firii Saulo atifi, na wɔkɔe: Na obiara anhunu, na obiara ante, na obiara annyane, na na wɔn nyinaa adeda, ɛfiri sɛ AWURADE nnahɔɔ atotɔ wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na Dawid faa pea no ne sukuruwa a ɛsi Saulo tiri ho no, na wɔkɔeɛ a obiara anhunu wɔn na wɔn mu biara nso annyane mpo. Na wɔn nyinaa adeda, ɛfiri sɛ, Awurade de nnahɔɔ too wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Ɛnna Dawid faa peaw ne nsu kuruwa no fii Saul atifi, na wɔkɔe: Na obiara anhu, obiara ante, na obiara annyan, na wɔn nyinaa adeda, efisɛ AWURADE nnahɔɔ atotɔ wɔn so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 26:12
7 Iomraidhean Croise  

Na owia reyɛ akɔtɔ no, Abram daa nnahɔɔ, na hwɛ, ehu ne esum kabii duruu no so.


Na AWURADE Nyankopɔn maa nnahɔɔ tɔɔ onipa no so, na ɔdae, na oyii ne mfe pare mu biako, na ɔde nam tuaa anan mu.


Anadwo no, ɔhene anna, na ɔkae sɛ wɔmfa beresosɛm nkae nhoma no mmra; na wɔbɛkenkanee ɔhene anim.


na AWURADE de nnahɔɔ honhom agu mo so, na wamuamua mo aniwa a ɛne adiyifo no, na mo ti a ɛne adehufo no, wakata so.


Na Dawid nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, da a AWURADE ka kyerɛɛ wo sɛ: Hwɛ, mede wo tamfo mɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛnea eye w’ani so no ni. Ɛnna Dawid sɔre wiawiaa ne ho kotwaa Saul batakari ano.


Na Dawid sen kɔɔ ɔfa noho, na okogyinaa bepɔw no atifi wɔ akyirikyiri a ɔkwan pa ara da wɔn ntam.


Na Dawid ne Abisai kɔɔ dɔm no nkyɛn anadwo, na hwɛ Saul da hɔ ada, nteaseɛnam aboae hɔ, na ne peaw si fam wɔ n’atifi. Na Abner ne dɔm no deda ne ho hyia.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan