Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 26:10 - KYERƐW KRONKRON

10 Na Dawid kae sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, gye AWURADE na ɔbɛka no: Sɛ ne da bedu na wawu, anaasɛ ɔbɛkɔ ɔsa na apra no akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

10 Na Dawid kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, gye AWURADE na ɔbɛka no; sɛ ne da bɛduru na wawu, anaasɛ ɔbɛkɔ ɔsa na apra no akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Nokware ni, Awurade bɛbɔ Saulo ahwe da koro, anaasɛ ɔbɛtɔ wɔ ɔko mu, anaasɛ obenyin na wawu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

10 Na Dawid kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, gye AWURADE na ɔbɛbɔ no ahwe; sɛ ne da bɛduru na wawu, anaasɛ ɔbɛkɔ ɔsa na apra no akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Nokorɛ nie, Awurade bɛbɔ Saulo ahwe da koro, anaasɛ ɔbɛtɔ wɔ ɔko mu, anaasɛ ɔbɛnyini na wawu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

10 Na Dawid kae sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, gye AWURADE na ɔbɛka no: Sɛ ne da bedu na wawu, anaasɛ ɔbɛkɔ ɔsa na apra no akɔ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 26:10
23 Iomraidhean Croise  

Na Israel nna dui sɛ ɔbɛkɔ ne nsamankyi, na ɔfrɛɛ ne ba Yosef ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ manya w'anim dom a, fa wo nsa ka m'asen mu, na yɛ me adɔe di me nokware, na nsie me Misraim!


So onipa wu a, ɔbɛtena ase bio anaa? Anka m’akodi nna nyinaa mɛtwɛn akosi sɛ me sakra bɛba.


Sɛ wɔahyɛ ne nna ato hɔ, na n’asram dodow wɔ wo tirim, na woatwa ɔhye a ɔrentwa ho ama no a,


So ɛnyɛ akodi na ɛwɔ hɔ ma ɔdasani asase so na ne nna te sɛ ɔpaani nna?


Ate kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne tenabere a, na onni hɔ.


AWURADE serew no, efisɛ wahu sɛ ne da reba.


Na ɔde wɔn mmusu abua wɔn atifi, na wɔn bɔne nti obeyi wɔn hɔ; Yiw, AWURADE, yɛn Nyankopɔn beyi wɔn hɔ.


Awo wɔ ne bere, na owu wɔ ne bere; ɔtɛw wɔ ne bere, na nea wɔatɛw no tutu wɔ ne bere;


Na sɛ Onyankopɔn, tɔ ne bo ase kyɛ wɔn ho nso a, ɔremmu ntɛn nnye wɔn a wapaw wɔn a wosu frɛ no awia ne anadwo no anaa?


Adɔfo, monntotɔ mo ho were, na mmom munnyaw mma Onyankopɔn abufuw! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweretɔ wɔ me, me ara metua ka, Awurade na ɔka saa.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, wo nna a worebewu abɛn; frɛ Yosua bra, na mummegyina ahyiae ntamadan no mu, na menhyɛ no mmara. Na Mose ne Yosua bae begyinaa ahyiae ntamadan no mu.


Me na aweredi ne akatua wɔ me, ɛbere a wɔn nan bɛwatiriw no. Na wɔn dwerɛw da abɛn, na nea wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm.


Na yenim nea ɔkae sɛ: Me na aweredi wɔ me, me na metua ka. Na bio: Awurade bebu ne man atɛn.


Na sɛnea ɛda hɔ ma nnipa sɛ wobewu prɛko na ɛno akyi atemmu bɛba no,


Eyi nti na ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ Awurade Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.


AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn, na AWURADE nnye m’aweretɔde wo nsam. Na me nsa de, ɛrenka wo.


Na AWURADE nyɛ ɔtemmufo, na ommu me ne wo ntam atɛn, na onhu na onni m’asɛm mma me, na ommu me atɛn nyi me wo nsam.


Na afei, me wura, sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, AWURADE asianka wo, na woammedi mogya ho so sɛ wode w’ankasa nsa bɛtɔ were. Na afei ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal.


Na ɛbɛyɛ dadu no, AWURADE bɔɔ Nabal, na owui.


Na Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔkae sɛ: Nhyira nka AWURADE a watɔ Nabal nsopa no so were ama me na waso n’akoa mu afi bɔne ho, AWURADE adan Nabal bɔne agu n’atifi! Na Dawid soma ne Abigail kɔkasae sɛ ɔbɛfa no aware.


Na Saul ka kyerɛɛ n’akodekurafo sɛ: Twe wo nkrante fa wɔ me, na momonotofo yi amma ammɛwɔ me ammɛyɛ me ade angoru me atɔprɛ. Na n’akodekurafo no ampene, efisɛ osuro pii. Ɛnna Saul faa nkrante na ɔhwee so.


Saa na Saul ne ne mma baasa ne n’akodekurafo ne ne mmarima nyinaa nso wuwui prɛko da no ara.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan