Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 24:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Dawid nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, da a AWURADE ka kyerɛɛ wo sɛ: Hwɛ, mede wo tamfo mɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛnea eye w’ani so no ni. Ɛnna Dawid sɔre wiawiaa ne ho kotwaa Saul batakari ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Dawid nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, da a AWURADE ka kyerɛɛ wo sɛ: Hwɛ, mede wo tamfo bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛdeɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ, no nie. Ɛnna Dawid sɔre wiawiaa ne ho kɔtwaa Saulo batakari ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Mmarima no kae se, “Nnɛ ne da a Awurade kae se, ‘Mede wo tamfo bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no nea wopɛ biara’ no.” Na Dawid weawea kɔɔ Saulo ho, kotwaa nʼatade ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Dawid nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, da a AWURADE ka kyerɛɛ wo sɛ: Hwɛ, mede wo tamfo bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛdeɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ, no nie. Ɛnna Dawid sɔre wiawiaa ne ho kɔtwaa Saulo batakari ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Mmarima no kaa sɛ, “Ɛnnɛ ne ɛda a Awurade kaa sɛ, ‘Mede wo ɔtamfoɔ bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no deɛ wopɛ biara’ no”. Na Dawid weawea kɔɔ Saulo ho, kɔtwaa nʼatadeɛ ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Dawid nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, da a AWURADE ka kyerɛɛ wo sɛ: Hwɛ, mede wo tamfo mɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛnea eye w’ani so no ni. Ɛnna Dawid sɔre wiawiaa ne ho kotwaa Saul batakari ano.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 24:4
13 Iomraidhean Croise  

Na wɔde Is-boset ti no brɛɛ Dawid wɔ Hebron na wɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Hwɛ wo tamfo Saul ba Is-boset a anka ɔhwehwɛ wo akum wo no ti ni, na ɛnnɛ da yi AWURADE atɔ Saul ne n’asefo so were ama me wura ɔhene.


ampa ara, me ntamadan mufo anka sɛ: Hena na Hiob maa no nam a ammee no?


Mede me nne misu mefrɛ AWURADE, mede me nne mekotɔ mesrɛ AWURADE,


Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo na me kra guan toa wo, na wo ntaban ase nwini mu na mepɛ me guankɔbea kosi sɛ ahohia yi betwam.


Na sɛ wantɛw no na Onyankopɔn na ama ne nsa apa a, ɛnne meyi baabi mama wo, na waguan akɔ hɔ.


Na Dawid fii hɔ kɔe, na oguan kɔɔ Adulam bodan mu. Na ne nuanom ne n’agya fi nyinaa tee no, wosian kɔɔ ne nkyɛn hɔ.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na m’agya Saul nsa renka wo, na wo na wubedi Israel so hene, na mayɛ w’abediakyiri; na m’agya Saul nso nim sa.


Na wɔkɔka kyerɛɛ Saul sɛ Dawid aba Keila. Na Saul kae sɛ: Onyankopɔn reyi no ahyɛ me nsa, na wato ne ho mu, sɛ wakɔ kurow a ano wɔ apon ne adaban mu.


Hwɛ, ɛnnɛ da yi w’aniwa ahu sɛnea AWURADE de wo hyɛɛ me nsa nnɛ ɔbodan no mu; na wɔkae sɛ minkum wo, nanso mekyɛee wo so, na mise: Merenteɛ me nsa menka me wura, efisɛ nea AWURADE asra no ne no.


Na woakyerɛ me nnɛ sɛ wo ne me adi no yiye, sɛ AWURADE de me hyɛɛ wo nsa na woankum me.


Na AWURADE bɛdan onipa biara trenee ne ne nokwaredi ama no, sɛ nnɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa, na mampɛ sɛ meteɛ me nsa meka nea AWURADE asra no no.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan