Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 22:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Dawid fii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moab hene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkosi sɛ mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ me ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Dawid firii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moabhene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ me ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Akyiri no, Dawid kɔɔ Mispe a ɛwɔ Moab kobisaa Moabhene se, “Wobɛma mʼagya ne me na abɛtena wo nkyɛn kosi sɛ mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ ama me ana?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Dawid firii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moabhene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ me ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Akyire yi, Dawid kɔɔ Mispe a ɛwɔ Moab. Ɛhɔ na ɔbisaa ɔhene no sɛ, “Wobɛma mʼagya ne me maame abɛtena ha, na woabɔ wɔn ho ban kɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ ama me anaa?”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Dawid fii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moab hene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkosi sɛ mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ me ansa.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 22:3
15 Iomraidhean Croise  

Na Yosef maa n'agya ne ne nuanom tenabea, na ɔmaa wɔn asase wɔ Misraim wɔ nea asase no ye, wɔ Rameses asase so, sɛnea Farao hyɛe no.


Na ɔkaa Moab nso gui na ɔma wɔdedaa fam, de susuhama susuw wɔn; na osusuw ahama abien sɛ wonkum wɔn, ne hama biako a edu pɛpɛɛpɛ sɛ wɔntena ase. Na Moab yɛɛ Dawid nkoa a wɔsoa ayɛyɛde ba.


Di w'agya ne wo na ni, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so.


Na sɛ okunafo bi wɔ mma anaa mmanana a, wonsua onyamesom pa wɔn fi mu kan, ntua wɔn awofo ka; efisɛ eyi na eye na ɛsɔ Onyankopɔn ani.


Na AWURADE honhom baa Yefta so, na ɔfaa Gilead ne Manase sen kɔɔ Gilead-mispe, na ofi Gilead-mispe twaam kɔɔ Amonfo no so.


Na Moabni Rut, Mahlon yere no nso, matua ne ti ade aware no, na ɔsaman no din atena hɔ daa, n’agyapade mu, na wɔantwa ɔsaman no din amfi ne nuanom mu ne ne kurow pon ano; mone adansefo nnɛ!


Na n’afipamfo mmea no kae sɛ: Wɔawo ɔbabarima ama Naomi. Na wotoo no din, frɛɛ no Obed, ɔno ne Dawid nana: Yese n’agya.


Na Saul dii Israel so hene no, ɔne n’atamfo nyinaa kɔko hyiae: Ɔne Moab ne Amonfo ne Edom ne Soba ahene ne Filistifo koe; na baabiara a ɔdan ne ho kɔ no, odi nim.


Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a ɛdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahow boaboaa wɔn ho ano baa ne nkyɛn, na odii wɔn so safohene. Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔbɛkaa ne ho.


Na ogyaw wɔn Moab hene no nkyɛn, na wɔtenaa ne nkyɛn nna a Dawid wɔ bepɔw so atenae hɔ nyinaa.


Ɛnna Samuel kaa nsɛm no nyinaa kyerɛɛ no, na wansiw no bi so. Na Eli se: Ɛyɛ AWURADE, nea eye n’ani so no, ɔnyɛ.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan