Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 20:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim anuonyam, enti na ose: Wɔmmma Yonatan nnhu eyi, na ɛmmmɛyɛ no yaw; na ampa ara, AWURADE te ase na wo kra nso te ase yi, ɔnammɔn pɛ na ɛda me ne owu ntam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim animuonyam, enti na ɔse: Wɔmmma Yonatan nnhunu yei, na anyɛ no ya; na ampa ara, sɛ AWURADE te aseɛ, na wo kra nso te aseɛ yi, nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Dawid kaa ntam wɔ Yonatan anim se, “Wʼagya nim yɛn ayɔnkofa yi mu pefee nti, waka wɔ ne tirim se, ‘Merenka nkyerɛ Yonatan.’ Nanso sɛnea Awurade te ase na wote ase yi, anammɔn baako pɛ na ɛda me ne owu ntam.”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim adom, enti na ɔse: Wɔmmma Yonatan nnhunu yei, na anyɛ no ya; na ampa ara, sɛ AWURADE te aseɛ, na wo kra nso te aseɛ yi, nammɔn pɛ na ɛda me ne owuo ntam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ɛhɔ ara, Dawid kaa ntam wɔ Yonatan anim sɛ, “Wʼagya nim yɛn ayɔnkofa yi mu pefee enti, waka wɔ ne tirim sɛ, ‘Merenka nkyerɛ Yonatan. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mede ɔhaw to no so?’ Nanso, meka wo ntam sɛ, mene owuo ntam kwan nware koraa! Mede Awurade ne wo ara wo ɔkra ka ntam!”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na Dawid kaa ntam nso sɛ: W’agya nim sɛ manya w’anim anuonyam, enti na ose: Wɔmmma Yonatan nnhu eyi, na ɛmmmɛyɛ no yaw; na ampa ara, AWURADE te ase na wo kra nso te ase yi, ɔnammɔn pɛ na ɛda me ne owu ntam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 20:3
18 Iomraidhean Croise  

Na Itai buaa ɔhene sɛ: Sɛ AWURADE te ase na me wura ɔhene nso te ase yi, faako a me wura ɔhene bɛtena no, owu mu oo, nkwa mu oo, ɛhɔ ara na w’akoa bɛtena!


Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ: Tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Betel. Na ɔkae sɛ: Sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, merennyaw wo. Na wosian kɔɔ Betel.


Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Elisa, tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yeriko. Na ose: Sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, merennyaw wo. Na woduu Yeriko.


Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Tena ha ɛ, na AWURADE asoma me Yordan ano. Na ose: Sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, merennyaw wo. Na wɔn baanu no kɔe.


Owu nhama kyekyeree me, na asaman ahohia too me, mihuu ahoguan ne awerɛhow


Na ɔhene Sedekia kaa Yeremia ntam kokoam sɛ: Sɛ AWURADE a ɔyɛɛ ɔkra yi maa yɛn no te ase yi, merenkum wo, na meremfa wo menhyɛ mmarima a wɔhwehwɛ wo akum wo no nsa!


na ka AWURADE teasefo ho ntam nokware mu, atemmu ne trenee mu, na amanaman ahyirahyira wɔn ho wɔ ne mu, na ɔno mu wɔahyehye wɔn ho.


na wo nkwa bɛsɛn w’anim ahinhim, na wubesuro anadwo ne awia, na worennye wo nkwa nni.


AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, na ɔno na som no, na ne din ho ntam na ka;


Efisɛ nnipa ka nea ɔso sen wɔn ntam, na ntuatuaano nyinaa to twa ne ntanka a wɔde hyɛ asɛm mu den.


Na ɔkae sɛ: O me wura, sɛ wo kra te ase yi, me wura, mene ɔbea a obegyinaa wo nkyɛn ha yi bɔɔ AWURADE mpae no.


Na Saul huu Dawid sɛ ɔrefi adi akohyia Filistini no no, ɔka kyerɛɛ ne sahene Abner sɛ: Abner, hena ba ne aberante yi? Na Abner se: Ɔhene, sɛ wo kra te ase yi, minnim.


Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛmpare wo, worenwu, hwɛ, m’agya renyɛ ade kɛse anaa ade ketewa bi gye sɛ oyi me asotiw ansa; na ɛdɛn nti na m’agya de asɛm yi behintaw me? Ɛnte sa.


Ɛnna Yonatan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Biribiara a wo kra se no, mɛyɛ mama wo.


Na afei, me wura, sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, AWURADE asianka wo, na woammedi mogya ho so sɛ wode w’ankasa nsa bɛtɔ were. Na afei ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal.


Na Dawid kae ne koma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi Saul nsa na ebekum me; biribiara nye mma me sɛ meguan makɔ Filistifo asase so, na Saul agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafi ne nsa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan