Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 2:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Ɔbɛhwɛ n’ahotefo anan so, na atirimmɔdenfo bɛyera esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bedi nim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Ɔhwɛ n’ahotefoɔ nan so, na abɔnefoɔ bɛtɔre mum esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔbɛbɔ onyamesurofo ho ban, na amumɔyɛfo bɛyera esum mu. “Sɛ ahoɔden mu nko de a, obiara renni nkonim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Ɔhwɛ n’ahotefoɔ nan so, na abɔnefoɔ bɛtɔre mum esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bɛdi nim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɔbɛbɔ nyamesurofoɔ ho ban, na amumuyɛfoɔ bɛyera esum mu. “Sɛ ahoɔden mu nko deɛ a, obi renni nim;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Ɔbɛhwɛ n’ahotefo anan so, na atirimmɔdenfo bɛyera esum mu; na ɛnyɛ ahoɔden so na onipa nam bedi nim.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 2:9
41 Iomraidhean Croise  

Wobesum no afi hann mu akɔ sum mu, na wɔapam no afi wiase.


Fa wɔn nyinaa sie dɔte mu, na ma wɔn anim ntintim ahintawee mu,


Na ɔbrɛfo nya anidaso, na amumɔyɛ mua n’ano.


Na wubehu sɛ wo ntamadan si hɔ dwoodwoo, na wohwɛ wo tenabea a, worenhu sɛ atɔ mu.


Efisɛ AWURADE nim atreneefo kwan, na abɔnefo kwan de, ɛbɛyera.


Na ɔde wɔn ne dwetɛ ne sika fi kɔe, na mmerɛwni bi nni ne mmusuakuw mu.


Ɔremma wo nan nwatiriw, nea ɔhwɛ wo no rentɔ nko.


AWURADE ne wo hwɛfo, AWURADE ne wo nwini, wo nsa nifa so.


AWURADE bɛhwɛ w’adifi ne wo fieba so afi sesɛɛ de akosi daa.


AWURADE hwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefo nyinaa de, ɔbɛsɛe wɔn.


AWURADE, mma m’anim nngu ase, na misu mefrɛ wo. Ma abɔnefo anim ngu ase, na wɔntotɔ mum Asamando.


efisɛ AWURADE dɔ atemmu, na ɔrennyaw n’ahotefo. Ɔhwɛ wɔn so daa, na abɔnefo asefo de, wobeyi wɔn hɔ.


Sɛ mise me nan rewatiriw a, wo, AWURADE, w’adɔe na ɛwaw me.


Mo a modɔ AWURADE, munkyi bɔne. Ɔhwɛ n’ahotefo kra so, obeyi wɔn afi abɔnefo nsam.


Onipa koma na edwen ne kwan ho, na AWURADE na ɔtaataa n’anammɔn.


sɛ ɔbɛkari atemmu akwan, na wahwɛ n’ahotefo kwan so.


Na AWURADE bɛyɛ w’ahodasode, na ɔbɛkora wo nan afi ɔkyere mu.


Nso ne nna nyinaa, esum mu na odii, na n’abohuru ne ne yare ne n’awerɛhow dɔɔso.


Mesan mihui owia ase sɛ ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam, na ɛbere ne mpofirim ade to wɔn nyinaa.


Me, AWURADE, na mehwɛ no, migu no so nsu bere nyinaa mu; mehwɛ no anadwo ne awia, na hwee ammɛyɛ no.


Tena ase dinn, na kɔ sum mu, O Kaldeafo babea, na wɔremfrɛ wo ahenni horow no so awuraa bio.


Yɛda so tete hɔ yɛ dɛn? Mommoaboa mo ho ano, na yɛnhyɛn nkurow a ɛyɛ den mu, na yenkowuwu wɔ hɔ, na AWURADE yɛn Nyankopɔn adome yɛn ama owu, na wama yɛn nsu a bɔre wɔ mu anom, efisɛ yɛayɛ AWURADE bɔne.


Sɛ AWURADE se ni: Mma onyansafo nnhyehye ne ho ne nyansa ho, na ɔhoɔdenfo nnhyehye ne ho n’ahoɔden ho, na ɔdefo nso nnhyehye ne ho n’ade ho,


Na n’atamfo de nsuyiri bɛma sibea ayera, na watiw wɔn akodu esum mu.


Ɛda no yɛ anibere da, ahohia ne ahokyere da, ɔsɛe ne amamfoyɛ da, esum ne kusuuyɛ da, amununkum ne kusukuukuu da,


Na obuaa see me sɛ: Eyi ne Awurade asɛm a ɛbaa Serubabel nkyɛn no sɛ: Ɛnyɛ wo tumi so, na ɛnyɛ w’ahoɔden so, na mmom me honhom so, asafo Awurade na ose.


AWURADE nhyira wo, na ɔnhwɛ wo so;


na ahenni mma no de, wɔbɛtow wɔn akogu akyirikyiri sum no mu; ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.


Na yenim sɛ biribiara a mmara se no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no mu, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Onyankopɔn atemmu mu.


Yiw, ɔdɔ ne man, n’akronkronfo nyinaa wɔ ne nsam. Na wɔn de, wɔboaboa wo nan ase, na wotie w’asɛm.


a wɔnam gyidi so wɛn mo wɔ Onyankopɔn tumi mu de kɔ nkwagye a wɔasiesie sɛ wɔrebeyi no adi bere a edi akyiri no mu.


Eyinom yɛ mmura a nsu nni mu, suwusiw a mframa bɔ huu de rekɔ, wɔn na wɔde sum kabikabi asie wɔn.


Yuda, Yesu Kristo akoa, Yakob nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Onyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no:


po asorɔkye a ehuru a epuw wɔn ankasa aniwu gu, nsoromma a ekyinkyin a wɔde sum kabikabi asie ama wɔn daa.


Adɔfo, esiane sɛ merebɔ mmɔden nyinaa makyerɛw nkwagye a ɛyɛ yɛn nyinaa de no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ mekyerɛw mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no ho.


Na afei, me wura, sɛ AWURADE te ase na wo kra te ase yi, AWURADE asianka wo, na woammedi mogya ho so sɛ wode w’ankasa nsa bɛtɔ were. Na afei ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan