Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 2:8 - KYERƐW KRONKRON

8 Ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu, na ɔma ohiani so fi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama wanya anuonyam agua so atena. Na asase nnyinaso yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

8 Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama no anya animuonyam adwa so atena. Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔpagyaw ohiani fi mfutuma mu Yiw, oyi no fi nsosiw mu! Ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma, de wɔn tena anuonyam ahengua so. “Efisɛ asase fapem yɛ Awurade de, na watoto wiase sɛnea ɛsɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

8 Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama no anya animuonyam adwa so atena. Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Ɔpagya ohiani firi mfuturo mu aane, ɔyi no firi nsosie mu; ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma de wɔn tena animuonyam nkonnua so. “Ɛfiri sɛ, asase fapem yɛ Awurade dea, na watoto ewiase sɛdeɛ ɛsɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

8 Ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu, na ɔma ohiani so fi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama wanya anuonyam agua so atena. Na asase nnyinaso yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 2:8
31 Iomraidhean Croise  

Na Farao soma ma wɔkɔfrɛɛ Yosef na wɔyɛɛ ntɛm yii no fii afiase hɔ, na woyii ne tinwin sakraa ne ntade, na ɔbaa Farao anim.


Wubedi me fi so, na w'anom asɛm so na me man nyinaa bedi, gye ahengua nko so na mɛsen wo.


Na afei kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ asafo AWURADE se ni. Me na mefaa wo mifii nguan hwɛbea, fii nguan akyi, sɛ bɛyɛ me man Israel so panyin.


Esiane sɛ mama wo so afi mfutuma mu, na masi wo me man Israel so panyin, na woafa Yeroboam kwan so, na woama me man Israel ayɛ bɔne ma wɔde wɔn bɔne ahuru me bo yi nti,


Ɛnna ɔsɔre kɔɔ ɔdan no mu, na ohwiee ngo no guu n’atifi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn se ni: Masra wo masi wo AWURADE man Israel so hene;


na ɔkae sɛ: Adagyaw na mede mifi me na yam mebae, na adagyaw na mede mɛsan makɔ: AWURADE de mae, na AWURADE afa, AWURADE din na nhyira nka no.


Na ɔfaa kyɛmfɛre bi sɛ ɔde rehuane ne ho, na ɔtenaa nso mu.


Tete bemee na wohyɛɛ asase ase, na ɔsoro ne wo nsa ano adwuma.


Wode asase atim ne nnyinaso so, na anhim da biara da.


Na ɔmaa ohiani so fii amanehunu mu, na ɔyɛɛ wɔn mmusua sɛ nguankuw.


Na ɔno na ɔhyɛɛ ase, ɛpo so, na ɔde atintim asukɛse so.


Asase ne wɔn a wɔte so nyinaa mu hodwo a, me na mede mu adum misisi hɔ. Sela


Mise ahupoofo sɛ: Monnyɛ ahupoo. Na mise abɔnefo sɛ: Mommma mo abɛn so.


na mmom Onyankopɔn na obu atɛn, ɔbɛbrɛ oyi ase, na wama oyi so.


Na obi fi nneduafo dan mu bedii hene, nso wɔwoo no hiani n’ahenni asase no so.


Na mɛyɛ no sɛ bofunnua mabɔ nea ɛhɔ yɛ den, na wayɛ anuonyam agua ama n’agya fi;


Ɛnna ɔhene yɛɛ Daniel kɛse, na ɔmaa no ayɛyɛde akɛse bebree, na ɔma odii Babel asase nyinaa so tumi ne Babel anyansafo nyinaa so mpanyimfo mu titiriw.


Awɛmfo agyina so na asɛm yi gyinae, na akronkronfo asɛm so na ade yi si, nea ɛbɛyɛ na ateasefo ahu sɛ: Nea ɔwɔ ɔsorosoro na odi nnipa ahenni so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, na ɔde nnipa mu hobrɛasefo si so.


Na Daniel yi kyɛn abirempɔn ne amantam ahene no, efisɛ honhom a ɛkyɛn so wɔ no mu; na ɔhene no reyɛ de no asi ahemman no nyinaa so.


Ɔno ara a ɔyɛ n’anuonyam no haran ne ne su sɛso, na ɔnam ne tumi asɛm so, na ɔde n’ankasa ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa anuonyam kɛse no nifa so ɔsorosoro,


Me nuanom adɔfo, muntie! So Onyankopɔn mpaw wiase ahiafo sɛ wɔnyɛ gyidi mu ahonyafo ne ahenni a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no difo?


na wayɛ yɛn ahemman sɛ yɛnyɛ asɔfo mma n’Agya Onyankopɔn no, ɔno na wɔmfa anuonyam ne tumi mma no daa daa. Amen.


Na anadwo nni hɔ, na ɔkanea anaa owia hann nhia wɔn, efisɛ Awurade Nyankopɔn bɛhyerɛn wɔn so. Na wobedi ahene daa daa.


Nea odi nkunim no, mɛma ɔne me atena m’ahengua so, sɛnea me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahengua so no.


na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.


Na Samuel kae sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa de, nanso wone Israel mmusuakuw ti, AWURADE sraa wo sɛ di Israel so hene;


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan