Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 2:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Ahoɔdenfo ta bubu, na mmerɛwfo de, wɔde ahoɔden bɔ wɔn ho so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Ahoɔdenfoɔ tadua bubu, na mmerɛfoɔ deɛ, wɔde ahoɔden bɔ wɔn ho so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Wɔabubu akofo mpeaw, na wɔama wɔn a wohintihintiw no ahoɔden. Afei, wɔayɛ den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Ahoɔdenfoɔ tadua bubu, na mmerɛfoɔ deɛ, wɔde ahoɔden bɔ wɔn ho so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Wɔn a na wɔyɛ atumfoɔ no nnyɛ atumfoɔ bio; na wɔn a na wɔyɛ mmerɛ no nso, afei, wɔayɛ den.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Ahoɔdenfo ta bubu, na mmerɛwfo de, wɔde ahoɔden bɔ wɔn ho so;

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 2:4
16 Iomraidhean Croise  

Na wode ahoɔden bɔɔ m'asen maa akodi, wobrɛɛ wɔn a wɔsɔre hyɛɛ me no ase hyɛɛ m’ase,


Wɔn nkrante bɛwɔ wɔn ara komam, na wɔn ta abubu.


Na abɔnefo abasa bebubu, na AWURADE wowaw treneefo.


Monyɛ komm na munhu sɛ mene Nyankopɔn. Wɔmma me so, amanaman mu, wɔmma me so, asase so.


Ɔma akodi gyae kosi asase ano, obubu ta mu na otwitwa peaw mu asinasin, ɔde gya hyew nteaseɛnam.


Ɛhɔ na obubuu ta mu mmɛmma, ɔkyɛm ne nkrante ne ɔsa. Sela


Ɛnkaa hwee sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase afra nneduafo mu na wɔne atɔfo atotɔ afra. Eyi nyinaa mu no n’abufuw nyaee ɛ, na ne nsa ateɛ ara.


Ɔno na ɔma nea wabrɛ otumi, na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso.


Na sɛ mukum Kaldeafo a wɔne mo ko no dɔm nyinaa ma ɛka wɔn mu apirafo mpo a, wɔbɛsɔresɔre wɔn ntamadan mu mmiako mmiako de ogya abɛhyew kurow yi.


Na ɔsɛefo aba Babel so, na wɔkyekyere ne nnɔmmarima, wobubu wɔn ta mu, efisɛ ananmuhyɛ Nyankopɔn ne AWURADE, obetua ne nyinaa so ka.


na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M'adom no dɔɔso ma wo, na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu. Enti mede anigye pii mɛhoahoa me ho me mmerɛwyɛ ho mmom, na Kristo ahoɔden abɛtena me so.


Enti munnyina hɔ, momfa nokware mmɔ mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo,


mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.


Na ɛdɛn na menka bio? Na sɛ mereka Gideon, Barak, Samson, Yefta, Dawid ne Samuel ne adiyifo no ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ me.


dum ogya tumi, guan nkrante ano, nyaa ahoɔmmerɛw mu ahoɔden, yɛɛ ɔko mu ahoɔdenfo, kaa ananafo mpasua gui.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan