Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 2:2 - KYERƐW KRONKRON

2 Obiara nyɛ kronkron sɛ AWURADE, na obiara nni w’akyi, na ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

2 Obiara nyɛ Kronkron sɛ AWURADE, na obiara nni w’akyi, na Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 “Obiara nyɛ kronkron sɛ Awurade! Obi bi nnka wo ho; Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

2 Obiara nyɛ Kronkron sɛ AWURADE, na obiara nni w’akyi, na Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 “Obiara nyɛ kronkron sɛ Awurade! Obi bi nka wo ho; Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Onyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

2 Obiara nyɛ kronkron sɛ AWURADE, na obiara nni w’akyi, na ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 2:2
37 Iomraidhean Croise  

me botantim Nyankopɔn a miguan metoa no; me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’abantenten ne me guankɔbea, m’agyenkwa a wugyee me fii akakabensɛm mu.


Na hena ne Nyame sɛ AWURADE nko? Na hena na ɔyɛ ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?


Enti woso kokuroo, O AWURADE Nyankopɔn na obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, onyame biara nso nni w’akyi, sɛ nsɛm a yɛde yɛn aso ate no nyinaa te no.


kae sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni ɔsoro a ɛwɔ atifi ne asase so ɛfam sɛ wo a wokora apam ne adɔe ma wo nkoa a wɔde wɔn koma nyinaa nantew w’anim no.


Wasoma ogye abrɛ ne man, wahyɛ n’apam de kosi daa, ne din yɛ kronkron, na ɛho yɛ hu.


AWURADE ne me botan ne m’abankɛse ne me gyefo, me Nyankopɔn ne me botantim a meguan kɔtoa no, me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’aban dennen.


Na hena ne Nyankopɔn sɛ AWURADE nko, na hena na ɔyɛ ɔbotan sɛ yɛn Nyankopɔn?


Na, Onyankopɔn, wo trenee kɔ ɔsorosoro, wo a woayɛ ade akɛse, Onyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo?


Yɛ sɛ ɔbotan a mɛtena so maba hɔ daa yi. Woahyɛ sɛ wonnye me nkwa, na wone me botan ne me ho fasu.


Hena na mewɔ no ɔsoro? Na sɛ wowɔ me a, menhwehwɛ asase so hwee.


Obiara nte sɛ wo, anyame mu, Awurade, na biribiara nte sɛ wo nnwuma.


Na hena na ɔwɔ wim a wɔde no bɛto AWURADE ho, hena na ɔsɛ AWURADE, anyame mma mu?


AWURADE, asafo Nyankopɔn, hena na ɔte sɛ wo? Otumfo AWURADE, wo nokwaredi atwa wo ho ahyia.


Wobeyi wo din kɛse a ɛho yɛ hu no ayɛ, ɔno na ɔyɛ kronkron.


Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so, na monkotow nsɔre, ne nan ase agua anim, ɔno na ɔyɛ kronkron.


Momma AWURADE, yɛn Nyankopɔn, so, na monkotow nsɔre, ne bepɔw kronkron so, na AWURADE, yɛn Nyankopɔn, ne kronkron.


Hena na ɔte sɛ wo, AWURADE, wɔ anyame mu? Hena na ɔte sɛ wo, kronkronyɛ mu onuonyamfo, nea ne ho yɛ hu ayeyi mu, anwonwadeyɛfo.


Na hena ho na mode Nyankopɔn bɛto, na suban bɛn na mode besusuw no?


Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne dimafo, asafo AWURADE se ni: Mene odikanfo na mene okyiridifo, na Onyankopɔn bi nni hɔ gye me nko.


Mommma mo bo nntu, na munnsuro! Ɛno emfi tete bemee na mema wɔtee na mekae? Na mone m’adansefo. So Onyankopɔn bi wɔ hɔ sɛ me nko? Na ɔbotan bi nni hɔ; minnim obi.


Na sɛ nea ɔkorɔn na wɔama no so, nea ɔte hɔ daa na ne din yɛ kronkron no se ni: Mete soro ne nea ɛhɔ yɛ kronkron, ne nea wabubu na ne honhom brɛ ase no nkyɛn nso, sɛ mɛma ahobrɛasefo honhom anya nkwa, na mama wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya nkwa.


Na oyi teɛm kyerɛ oyi sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne asafo AWURADE! N’anuonyam ahyɛ asase nyinaa ma.


Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo, AWURADE; wo na woyɛ kɛse, na wo din nso so, mmaninyɛ mu.


Na mene AWURADE mo Nyankopɔn, enti montew mo ho na monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron; enti mommma mo kra ho nnkum ade biara a ɛwea a ɛtwe ne ho ase no ho.


Na mene AWURADE a miyii mo Misraim asase so sɛ mɛyɛ mo Nyankopɔn no; enti monyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.


Kasa kyerɛ Israelfo asafo no nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, AWURADE mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.


Na biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.


Nhyira ne onipa a Awurade mmu ne bɔne ngu no so.


AWURADE, wo na woafi ase de wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no akyerɛ w’akoa, na onyame bɛn na ɔwɔ ɔsoro anaa asase so a obetumi ayɛ wo nnwuma ne wo mmaninne yi bi?


na ɔkae sɛ: Meyi m’ani mahintaw wɔn, mɛhwɛ nea wɔn akyiri bewie, na awo ntoatoaso kɔntɔnkye ne wɔn, mma a nokware nni wɔn mu.


Afei munhu sɛ me ara mene no, na onyame bi nka me ho. Me na mikum, na mema nkwa, mipira, na me na mesa, na nea obetumi agye afi me nsam nni hɔ.


Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.


Wo de, wɔama woahu, na woahu sɛ AWURADE ne Nyankopɔn a obi nni hɔ nka ne ho.


Enti hu nnɛ, na fa sie wo koma mu, sɛ AWURADE ne Nyankopɔn, nyame so wɔ ɔsoro, ne asase so wɔ fam; obi nni hɔ bio.


na wɔakyerɛw sɛ: Monyɛ kronkron, efisɛ me, meyɛ kronkron.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan