Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 2:12 - KYERƐW KRONKRON

12 Na Eli mma no yɛ mmahuhufo; wommu AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

12 Na Eli mma no yɛ mma ahuhufoɔ; wɔmmu AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na Eli mmabarima no yɛ asansafo a wɔmfɛre Awurade,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

12 Na Eli mma no yɛ mma ahuhufoɔ; wɔmmu AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Eli mmammarima no yɛ asansafoɔ a wɔmfɛre Awurade,

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

12 Na Eli mma no yɛ mmahuhufo; wommu AWURADE.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 2:12
23 Iomraidhean Croise  

Asɔfo no anka sɛ: Ɛhe na AWURADE wɔ? Na mmarakyerɛfo no anhu me, na ahwɛfo no afom me, na adiyifo no nam Baal so hyɛɛ nkɔm, na wodii nneɛma a ɛho nni mfaso akyi.


Na biakoyɛ bɛn na ɛwɔ Kristo ne Belial ntam? Anaasɛ kyɛfa bɛn na ogyidini ne nea onnye nni wɔ?


Na awo ntoatoaso no nyinaa nso tiw wɔn agyanom wɔ asamando, na awo ntoatoaso foforo dii wɔn akyi bae, nnipa a wonnim AWURADE, na wonnim nea Awurade yɛ maa Israel no nso.


efisɛ wonim Nyankopɔn de, nso wɔanhyɛ no anuonyam sɛ Onyankopɔn, na wɔanna no ase, na mmom wɔn adwene yɛ nkwasea adwene na sum ahyɛ wɔn koma a ntease nni mu no ma.


Na eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.


Na wɔbɛyɛ eyinom, efisɛ wonhuu Agya no ne me ɛ.


Nso moanhu no, na me de, minim no; na sɛ meka sɛ minnim no a, mɛyɛ ɔtorofo sɛ mo. Nanso minim no, na midi n’asɛm so.


Odii ɔbrɛfo ne ohiani asɛm maa wɔn, enti na esii no yiye. So ɛnyɛ eyi ne me ho nimdeɛ? AWURADE asɛm ni.


Wɔn tenabea wɔ nnaadaa ntam; nnaadaa nti wɔmpɛ sɛ wohu me, AWURADE asɛm ni.


Na mmarima mmahuhufo baanu bae bɛtenaa n’anim, na mmarima ahuhufo no dii Nabot adanse ɔman no anim sɛ: Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene. Na woyii no fii kurow no akyi kosiw no abo ma owui.


Na momfa mmarima baanu a wɔyɛ mmahuhufo nnyina n’anim, na wonni no adanse sɛ: Woadome Onyankopɔn ne ɔhene! Na momfa no mfi nkosiw no abo mma onwu.


Na afei hwɛ, na dwen nea wobɛyɛ, na wɔakyere yɛn wura ne ne fi nyinaa so sa bɔne, nso ɔyɛ ɔbahuhuni a obi ntumi nkasa nkyerɛ no.


Na nnipahunu bi kae sɛ: Oyi bɛyɛ dɛn na wagye yɛn? Na wobuu no animtiaa, na wɔamfa ayɛyɛde ammrɛ no. Nanso ɔyɛɛ sɛ nea ɔnte.


Nso na Samuel nnya nhuu AWURADE, na wonnya nyii AWURADE asɛm nkyerɛɛ no ɛ.


Na wɔregye wɔn ahome no, hwɛ, kurom hɔfo mmabusufo bi betwaa ofi no ho hyiae, na wɔpempem ɔpon no, na wɔka kyerɛɛ ofiwura akwakoraa no sɛ: Fa ɔbarima a ɔbɛsoɛɛ wo fi no fi adi bra na yene no nna.


Mmarima mmabusufo bi asɔre wo mu adaadaa wɔn nkurɔfo sɛ: Momma yɛnkɔ nkɔsom anyame foforo a munnim wɔn, a,


Na maka makyerɛ no sɛ merebu ne fi atɛn akosi daa, amumɔyɛ no nti, efisɛ onim sɛ ne mma reyɛ abusude, na wanka wɔn anim.


Na wɔdannan wɔn tɛkrɛma de yɛ wɔn ta di atoro, na wodi asase so tumi a wonni mma nokware, na wofi bɔne mu kɔ bɔne mu, na me de, wonnim me, AWURADE asɛm ni.


N’asɔfo bu me mmara so, na wohura m’akronkronne ho; wɔmma ɛnsono akronkronne ne ade a abu so, na wɔnkyerɛ ade a ɛho ntew ne nea ɛho tew no ntam nsonoe, na wobu wɔn ani gu me home nna so, na wohura me ho wɔn mu.


ɛnne pɛ mu hwehwɛ mu na bisabisa mu yiye; na hwɛ, sɛ asɛm no wom ampa sɛ wɔayɛ saa akyide yi wɔ wo mu a,


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan