Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 2:1 - KYERƐW KRONKRON

1 Ɛnna Hana bɔɔ mpae sɛ: Me koma di AWURADE mu ahurusi, AWURADE mu na wɔama m’abɛn so; m’anom atrɛw m’atamfo so, efisɛ m’ani gye wo nkwagye mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

1 Hana nso bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’akoma di AWURADE mu ahurisie, AWURADE mu na wɔama m’abɛn soɔ; M’anomu atrɛ m’atamfoɔ so, ɛfiri sɛ m’ani gye wo nkwagyeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Na Hana bɔɔ mpae se, “Me koma di ahurusi wɔ Awurade mu! Awurade mu na wɔma mʼabɛn so. Afei, manya mmuae ama mʼatamfo, na mʼani gye wɔ wo gye no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

1 Hana nso bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’akoma di AWURADE mu ahurisie, AWURADE mu na wɔama m’abɛn soɔ; M’anomu atrɛ m’atamfoɔ so, ɛfiri sɛ m’ani gye wo nkwagyeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Na Hana bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Mʼakoma di ahurisie wɔ Awurade mu! Ao, Awurade mu na me nhyira wɔ! Afei, manya mmuaeɛ ama mʼatamfoɔ, na mʼani gye wɔ wo gyeɛ no ho.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

1 Ɛnna Hana bɔɔ mpae sɛ: Me koma di AWURADE mu ahurusi, AWURADE mu na wɔama m’abɛn so; m’anom atrɛw m’atamfo so, efisɛ m’ani gye wo nkwagye mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 2:1
37 Iomraidhean Croise  

Na Yuda ne Yerusalemfo nyinaa sanee, na Yehosafat di wɔn anim, na wɔde anigye san baa Yerusalem. Na AWURADE maa wɔn ani gyee wɔn atamfo ho.


ne Mika ba Matania, Sabdi ba, Asaf ba, otitiriw a ofi aseda dwom ase mpaebɔ mu, ne Bakbukia a odi hɔ, ne nuanom mu, ne Samua ba Abda, Galal ba, Yedutun ba:


Mepam atweaatam mekataa me were so, na mede m’ahoɔden metoo mfutuma mu.


M’ahoɔden ne m’ayeyi dwom ne AWURADE, na wayɛ me nkwagye.


Na me de, m’ani da w’adɔe so, me koma bedi wo nkwagye mu ahurusi,


Na wama abɛn so ama ne man, ama n’ahotefo nyinaa ayeyi, ama Israel mma, ɔman a wɔbɛn no no. Munyi AWURADE ayɛ!


AWURADE ne me botan ne m’abankɛse ne me gyefo, me Nyankopɔn ne me botantim a meguan kɔtoa no, me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’aban dennen.


Ma yɛmmɔ ose wɔ wo nkonimdi ho, na yɛn Nyankopɔn din mu na yehim yɛn frankaa. AWURADE mma nea wosrɛ nyinaa mmram.


Nea ne koma pɛ na wode ama no, na nea n’ano bisae no, woankame no.


Na me kra bedi ahurusi AWURADE mu, na ne ho asan no, ne nkwagye mu.


AWURADE, bue m’ano, na mede m’ano maka w’ayeyi.


W’ayeyi ne wo nidi bɛhyɛ m’anom ma daa adesae.


na abɔnefo mmɛn nyinaa, mebubu, treneefo mmɛn na wɔbɛma so.


Na wɔn ahoɔden ahyehyɛde ne wo, na wo dom mu na wɔama yɛn abɛn so.


Na AWURADE na yɛn kyɛm wɔ no, na Israel kronkronni no na yɛn hene wɔ no.


Na me nokwaredi ne m’adɔe ne no bɛtena, na me din mu na wɔbɛma n’abɛn so.


na menka w’ayeyi nyinaa menkyerɛ, Sion babea aponkɛse mu, na minni ahurusi wo nkwagye mu.


Na woma m’abɛn so sɛ okoo de, wode ngo foforo gu me so.


Ɛnna Mose ne Israelfo no too dwom yi maa AWURADE kae sɛ: Mɛto AWURADE dwom, na ɔma na wama ne ho so, ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no, watow wɔn agu po mu.


Na Miriam gyee wɔn so sɛ: Monto AWURADE dwom, na wadi nkonim anuonyam mu; ɔpɔnkɔ ne ne sotefo no, watow wɔn agu po mu.


Odiyifo Habakuk mpaebɔ, wɔ Shigionot so.


Me de AWURADE mu na medi ahurusi, me ho bɛsɛpɛw me, me nkwagye Nyankopɔn mu.


na wama nkwagye abɛn so ama yɛn, n’akoa Dawid fi,


Na ɛnyɛ eyi nko, na mmom yɛhoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn mu, esiane Awurade Yesu Kristo a yɛnam no so seisei anya mpata yi.


Ne nantwinini abakan, anuonyam wɔ no, na n’abɛn yɛ ɛkoɔ abɛn; ɛno na ɔde besunsum aman nyinaa agu akodu asase ano. Efraim dodow ne no, na Manase mpem ne no.


Na yɛn twetiatwa no, yɛn na yɛsom Nyankopɔn honhom mu, na yɛhoahoa yɛn ho Kristo Yesu mu, na yɛmfa yɛn ho nto honam so.


Momma mo ani nnye Awurade mu daa! Meka no bio sɛ: Momma mo ani nnye!


Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne nkotosrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom;


Ɔno na munhuu no ɛ, nanso modɔ no. Ɔno na munhu no mprempren de, nanso mugye no di, na mo ho san mo anigye a enni kabea a anuonyam wɔ mu mu,


Ɔsoro ne mo, ahotefo ne asomafo ne adiyifo, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.


Na ne kora no yi no ahii pii, de huru ne bo, efisɛ AWURADE ato ne yafunu mu.


Na saa na Penina yɛ Hana daa afe, sɛ wɔforo kɔ AWURADE fi a, ɔhyɛ no yamgya sa; na osu ara nko na Hana su na onnidi.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan