Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 15:3 - KYERƐW KRONKRON

3 Na afei kɔ na kokum Amalek, na monsɛe nea wɔwɔ nyinaa pasaa, na nkyɛe wɔn so, na kum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne nguan, yoma ne mfurum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

3 Na afei kɔ na kɔkum Amalek, na monsɛe deɛ wɔwɔ nyinaa pasapasa, na nhu wɔn mmɔbɔ, na kum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, yoma ne mfunumu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Enti kɔ na kɔsɛe Amalek mantam no pasaa. Kunkum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne nguan, yoma ne mfurum.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

3 Na afei kɔ na kɔkum Amalek, na monsɛe deɛ wɔwɔ nyinaa pasapasa, na nhu wɔn mmɔbɔ, na kum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, yoma ne mfunumu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Enti, kɔ na kɔsɛe Amalek mantam no pasaa. Kunkum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, nyoma ne mfunumu.’ ”

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

3 Na afei kɔ na kokum Amalek, na monsɛe nea wɔwɔ nyinaa pasaa, na nkyɛe wɔn so, na kum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne nguan, yoma ne mfurum.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 15:3
20 Iomraidhean Croise  

Na Timna yɛ Esau ba Elifas yefam, no ɔwoo Amalek maa Elifas; eyinom ne Esau yere Ada mma.


Na obisaa me sɛ: Woyɛ hena? Na mibuaa no sɛ: Meyɛ Amalekni.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kyerɛw eyi hyɛ nhoma bi mu fa yɛ nkae, na ka hyɛ Yosua asom sɛ ɔpopa na mɛpopa Amalek nkae mafi soro ase.


Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so,


Afei ɔhwɛɛ Amalek toaa ne kasa no so sɛ: Amanaman mu dikanfo ne Amalek, nanso n'awiei bewie no ɔsɛe mu.


Enti munkunkum mmofra no mu mmarima nyinaa, na mmea no mu biara a onim ɔbarima ne ɔbarima ada no nso, munkum no;


Na ɔfae, ɛne ne hene ne ne nkurow nyinaa, na wɔde nkrante kunkum wɔn, na wɔsɛee akra a ɛwɔ mu nyinaa pasaa, wamma obiara anka; sɛnea ɔyɛɛ Hebron ne Libna ne ne hene no, saa ara na ɔyɛɛ Debir ne ne hene.


Na ɔyɛɛ mmaninne, na okokum Amalekfo, na ogyee Israel wɔn afowfo nsam.


na AWURADE somaa wo akwankɔ bi sɛ: Kɔ na kɔsɛe Amalekfo nnebɔneyɛfo no pasaa, na wo ne wɔn nko nkosi sɛ wobɛhyew wɔn.


Na Saul ne dɔm no kyɛe Agag ne nguan ne anantwi a woye ne wɔn a wɔadodɔ srade ne nguammuruwa ne nea eye no nyinaa so, na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn; na ade biara a wommu na enye mma hwee no de, wɔsɛee no pasaa.


Na asɔfo kurow Nob no nso, ɔde nkrante kunkum wɔn; mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne mfurum ne nguan nyinaa na ɔde nkrante kunkum wɔn.


Na Dawid bɔɔ asase no, na wannyaw ɔbarima anaa ɔbea anikan, na ɔfaa nguan ne anantwi ne mfurum ne yoma ne ntade, na ɔsan baa Akis nkyɛn.


Na Dawid kunkum wɔn fi ahemadakye kosii da a edi so no anwummere; na wɔn mu biara amfi mu gye mmerante ahanan a wɔtenatenaa yoma so guanee.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan