Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 13:9 - KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna Saul kae sɛ: Momfa ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no mmrɛ me. Na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

9 Ɛnna Saulo kaa sɛ: Momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmrɛ me. Na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Enti ɔhyɛe se, “Momfa ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no mmrɛ me.” Na Saulo ankasa bɔɔ ɔhyew afɔre no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛnna Saulo kaa sɛ: Momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmrɛ me. Na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Enti, ɔhyɛɛ sɛ, “Momfa ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no mmrɛ me.” Na Saulo ankasa bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnna Saul kae sɛ: Momfa ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no mmrɛ me. Na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre no.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 13:9
13 Iomraidhean Croise  

Na Dawid sii afɔremuka maa AWURADE wɔ hɔ na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na AWURADE gyee mpata no maa asase no, na wosiw ɔhaw no kwan fii Israel so.


Na ɔhene kɔɔ Gibeon sɛ ɔkɔbɔ afɔre, efisɛ ɛhɔ ne afɔrebɔbea kɛse a agye din. Solomon bɔɔ ɔhyew afɔre apem wɔ afɔremuka no so.


Yɛ komm ma AWURADE, na tɔ wo bo ase twɛn no. Nhoran wo bo, nea ne kwan asi no yiye no nti, onipa a odi ne koko so asɛm so nti.


Abɔnefo afɔre yɛ AWURADE akyide, na teefo mpaebɔ yɛ n’anisɔde.


Nka sɛ: Mɛhyɛ bɔne ananmu. Twɛn AWURADE, na ɔbɛboa wo.


Abɔnefo afɔrebɔ yɛ akyide, na menne sɛ ɔde nam adwemmɔne mu ba.


Asɛntreneedi ne atemmu sɔ AWURADE ani sen afɔrebɔ.


Nea okum nantwi no te sɛ nea okum nipa; nea okum guan bɔ afɔre no te sɛ nea obu ɔkraman kɔn mu; nea ɔbɔ aduan afɔre no te sɛ nea ɔde prako mogya ba; nea ɔhyew aduhuam no te sɛ nea ohyira ohoni. Wɔn de, wɔapaw wɔn akwan, na wɔn kra ani sɔ wɔn akyide;


na mmom faako a AWURADE mo Nyankopɔn beyi mo mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto na watena no na monhwɛ, na ɛhɔ na monkɔ;


na ɛhɔ na momfa mo hyew afɔre ne mo kum afɔre ne mo ntotoso du du ne mo nsam soma ade ne mo bɔhyɛ ade ne mo ayamye afɔre ne mo anantwi ne mo nguan mmakan nkɔ.


Na Saul ka kyerɛɛ Ahiya sɛ: Kɔfa Onyankopɔn adaka no bra. Nso da no, na Onyankopɔn adaka no wɔ Israelfo no nkyɛn.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan