Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 13:7 - KYERƐW KRONKRON

7 Na Hebrifo no bi twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Na Saul da so wɔ Gilgal, na ɔman no nyinaa de ahopopo dii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

7 Na Hebrifoɔ no bi twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Na Saulo da so wɔ Gilgal, na ɔman no nyinaa de ahopopoɔ dii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Ebinom twaa Asubɔnten Yordan guan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Saa bere no, na Saulo wɔ Gilgal a ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ ahopopo ne osuro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

7 Na Hebrifoɔ no bi twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Na Saulo da so wɔ Gilgal, na ɔman no nyinaa de ahopopoɔ dii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Ebinom twaa Asubɔnten Yordan dwane kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Saa ɛberɛ no, na Saulo wɔ Gilgal a ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ ahopopoɔ ne suro mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

7 Na Hebrifo no bi twaa Yordan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Na Saul da so wɔ Gilgal, na ɔman no nyinaa de ahopopo dii n’akyi.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 13:7
15 Iomraidhean Croise  

Na mɛma m'ani asa mo, na moadi mo atamfo anim nkogu na wɔn a wokyi mo ahyɛ mo so, na obi ntaa mo po a, mobeguan.


Na ahwɛfo no nkɔ so nkasa nkyerɛ ɔman no sɛ: Onii ko a osuro na ne koma tutu no, ɔnsan nkɔ ne fi, na wamma ne nuanom koma annan sɛ ne de.


AWURADE bɛma woadi w’atamfo anim ntwo: Wonam ɔkwan koro so befi akohyia wɔn, na wonam akwan ason so aguan wɔn anim, na wɔbɛtow wo apete asase so ahenni nyinaa mu.


Na yɛfaa asase yi saa bere no; efi Aroer a ɛda Arnon subon so, ne Gilead bepɔw fa ne ne nkurow na mede memaa Rubenfo ne Gadfo,


ne Gilead ne Gesurfo ne Maakatfo asase, ne Hermon bepɔw nyinaa ne Basan nyinaa de kosi Salka;


Ne fa nso ne Rubenfo ne Gadfo anya wɔn agyapade a Mose de maa wɔn Yordan agya apuei no, sɛnea AWURADE akoa Mose de maa wɔn no,


Enti afei ma wɔnka ɔman no asom sɛ: Nea osuro na ne koma tutu no nsan n’akyi, na ɔnnan n’ani mfi Gilead bepɔw ho nkɔ. Ɛnna ɔman no mu nnipa ɔpeduonu abien san wɔn akyi kɔe, na ɛkaa nnipa ɔpedu.


Na ɔtwɛnee nnansɔn a ɛne bere a Samuel hyɛe no; nanso Samuel amma Gilgal, na ɔman no fii ne ho petee.


Na Saul ne Israel nyinaa tee Filistini no nsɛm yi no, wɔn bo tui, na wosuroe pa ara.


Na Israel mmarima a wɔwɔ obon no agya ne wɔn a wɔwɔ Yordan agya hui sɛ Israel mmarima aguan na Saul ne ne mma atotɔ no, wogyigyaw nkurow no guanguanee, na Filistifo na bae bɛtenaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan