Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 13:6 - KYERƐW KRONKRON

6 Na Israel mmarima no hui sɛ ɛreden wɔn, efisɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometew: Na ɔman no hintahintaw abodan ne mmena ne abotan ne aboda ne mmura mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

6 Na Israel mmarima no hunuu sɛ ɛredene wɔn, (ɛfiri sɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometeɛ), na ɔman no huntahuntaa abodan ne amena ne abotan ne aboda ne mmura mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Bere a Israel mmarima no huu atamfo no nsraadɔm mpempem no, wɔn ho dwudwoe; nti wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akohintaw wɔn ho wɔ abodan, mmoa, abotan, aboda ne nsukorae mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

6 Na Israel mmarima no hunuu sɛ ɛredene wɔn, (ɛfiri sɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometeɛ), na ɔman no huntahuntaa abodan ne amena ne abotan ne aboda ne mmura mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Ɛberɛ a Israel mmarima no hunuu atamfoɔ no akodɔm mpempem no, wɔn ho dwodwoeɛ enti, wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akɔsuma wɔn ho wɔ abodan, mmena, abotan, aboda ne nsukoraeɛ mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

6 Na Israel mmarima no hui sɛ ɛreden wɔn, efisɛ wɔhyɛɛ ɔman no ahometew: Na ɔman no hintahintaw abodan ne mmena ne abotan ne aboda ne mmura mu.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 13:6
18 Iomraidhean Croise  

Na Midian nsa yɛɛ Israel so den. Midian nti Israelfo yɛɛ atu a ɛwɔ mmepɔw mu ne abodan ne hintabea fae.


Wɔn a wɔnsɛ wiase, wokyinkyin sare so ne mmepɔw so, abodan ne asase so atu mu.


Na mihim nneɛma abien yi ntam. Anka mepɛ sɛ mitutu ha na me ne Kristo kɔtena, efisɛ ɛno mmom na eye pa ara;


Nanso wɔyɛ ɔman a wɔafow wɔn afom wɔn; wɔama wɔakɔka ntokuru mu, wɔde wɔn ahintaw nneduadan mu; wɔafow wɔn a ogyefo nni hɔ, wɔafom wɔn a nea ɔbɛka sɛ: Dan ma! Nni hɔ.


Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hia me sɛ! Ma yɛnhwe AWURADE nsam ɛ, na ne mmɔborohunu dɔɔso; na nnipa nsam na wɔmmma mennhwe.


Na oduu nguannan a ɛwɔ ɔkwan no so no ho; na ɔbodan bi wɔ hɔ, na Saul hyɛn mu sɛ okogyaa n’anan; na Dawid ne ne nnipa nso tete ɔbodan no mu nohoa


Ɛnna Sififo foro kɔɔ Saul nkyɛn Gibea kɔkae sɛ: So ɛnyɛ Dawid na ohintaw yɛn nkyɛn wɔ atenae a ɛwɔ Hores, Hakila koko a ɛwɔ sare pataa no nifa fam no so no?


Na wɔn baanu no yiyii wɔn ho kyerɛɛ Filistifo bansifo no. Na Filistifo no kae sɛ: Hwɛ, Hebrifo no refi adi afi ntokuru a wokohintahintaw mu no mu.


Na Israel mmarima no nso dannan wɔn ho, na nketenkete kitaa Benyamin mmarima no, efisɛ wohuu sɛ amane ato wɔn.


Na Amonfo no betwaa Yordan, ne Yuda ne Benyamin ne Efraim fi nso bɛkoe; na Israel ho hiaa wɔn sɛ.


Na Ai mmarima no dannan wɔn ani hwɛɛ wɔn akyi no, na hwɛ, kurow no mu wusiw retu kɔ ɔsoro, na wonnya ɔkwan nguan nkɔ ha anaa ha. Na nnipa a woguan kɔɔ sare so no dannan wɔn ho behyiaa atiwfo no.


Na Filistifo tee sɛ Israelfo akohyia Mispa no, Filistifo asafohene foro baa Israel so. Na Israelfo tee no, wosuroo Filistifo no.


Na Samuel sɔre fii Gilgal kɔɔ Gibea-benyamin. Na Saul kan dɔm a wɔne no wɔ hɔ no, mmarima bɛyɛ ahansia.


Na Israelfo a wokohintahintaw Efraim bepɔw so no nyinaa tee sɛ Filistifo aguan no, wɔn nso tu bɛtaree wɔn ne wɔn koe.


Nso abura a Ismael totow mmarima a okunkum wɔn kaa Gedalia ho no afunu guu mu no ne nea Israel hene Basa nti ɔhene Asa tui no, ɛno na Netania ba Ismael de atɔfo no hyɛɛ no ma.


Sɛ ka kyerɛ wɔn ni: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ mete ase yi, ampa ara wɔn a wɔwɔ akurofo no so no, nkrante ano na wɔbɛtotɔ; na nea ɔwɔ wuram no, mmoadoma na mede no mɛma ma wɔadi; na wɔn a wɔwɔ aban ne abodan mu no, owuyare na ebekunkum wɔn.


Na Israel mmarima a wɔwɔ obon no agya ne wɔn a wɔwɔ Yordan agya hui sɛ Israel mmarima aguan na Saul ne ne mma atotɔ no, wogyigyaw nkurow no guanguanee, na Filistifo na bae bɛtenaa mu.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan