Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 13:5 - KYERƐW KRONKRON

5 Na Filistifo boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam ɔpeduasa ne apɔnkɔfo mpemnsia ne dɔm a ne dodow te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo bae bɛbɔɔ nsra Mikmas, Bet-awen apuei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

5 Na Filistifoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam mpem aduasa ne apɔnkɔfoɔ mpemnsia ne dɔm a ne dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo ba bɛkyeree nsraban Mikmas, Bet-awen apueeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Filistifo boaboaa nsraadɔm kɛse pa ara ano a wokura nteaseɛnam mpensa, apɔnkɔsotefo mpem asia ne asraafo a wɔn dodow te sɛ mpoano nwea ano. Wɔkyeree nsraban wɔ Mikmas wɔ Bet-Awen apuei fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

5 Na Filistifoɔ boaboaa wɔn ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam mpem aduasa ne apɔnkɔfoɔ mpemnsia ne dɔm a ne dodoɔ te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo ba bɛkyeree nsraban Mikmas, Bet-awen apueeɛ.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Filistifoɔ boaboaa asraadɔm kɛseɛ pa ara ano a wɔkura nteaseɛnam mpensa, apɔnkɔsotefoɔ mpem nsia ne akodɔm a wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea ano. Wɔkyeree sraban wɔ Mikmas wɔ Bet-Awen apueeɛ fam.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

5 Na Filistifo boaboaa wɔn ho ano sɛ wɔne Israel rebɛko: Nteaseɛnam ɔpeduasa ne apɔnkɔfo mpemnsia ne dɔm a ne dodow te sɛ mpoano anwea. Na wɔforo bae bɛbɔɔ nsra Mikmas, Bet-awen apuei.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 13:5
21 Iomraidhean Croise  

Nhyira na mehyira wo, na ɔdɔ na mɛma w'asefo adɔ sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano nwea, na w'asefo bɛfa wɔn atamfo nkurow ano apon adi so;


Enti meretu wo fo sɛ: Boaboa Israel nyinaa ano wɔ wo nkyɛn fi Dan kosi Beer-seba, sɛ mpoano awea dodow, na w’ankasa kɔ ɔsa no.


Na wɔkenkan Israelfo nso, na wosiesiee wɔn ho, na wɔkɔe kohyiaa wɔn. Na Israelfo bɔɔ wɔn ntentenso nsra sɛ mmirekyi akuw nketewa abien. Na Siriafo de, wɔyɛɛ asase no ma.


Afei, AWURADE Nyankopɔn, ma w’asɛm ntim mma m’agya Dawid. Na wo na woasi me hene, ɔman a wɔdɔɔso sɛ asase so mfutuma so,


Waba Ayat afa Migron de n’akyi agyaw Mikmas;


Anka w’asefo bɛdɔ sɛ anwea, na wo yafunu mufo ayɛ sɛ atoko; wɔrentwa wɔn din nkyene, na wɔrensɛe no mfi m’anim.


Wɔn akunafo dɔɔso sen mpoano anwea, mede ɔsɛefo maba mmerante no awofo so na awia ketee nso, mama piriwbɔ ne nketenkete agu no so mpofirim;


Bet-awen nantwi mma nti na Samariafo besuro; na ne man di ne ho nkɔmmɔ, na n’asɔfo ho popo n’anuonyam ho, sɛ wɔatu afi wɔn mu kɔ.


Ɛwom sɛ wo, Israel, wobɔ aguaman de, nanso mma Yuda nnni so. Na momman nnkɔ Gilgal, na mommforo mmma Bet-awen, na monnkeka ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi.


Monhyɛn abɛn Gibea, monhyɛn torobɛnto Rama. Mommɔ ose Bet-awen, hwɛ w’akyi, Benyamin.


Yesaia nso teɛm Israel ho sɛ: Sɛ Israel mma dodow te sɛ mpoano anwea a, emu nkae bi na wobegye wɔn nkwa;


Na wɔne wɔn dɔm a ɛka wɔn ho no nyinaa fi bae, nnipa pepeankama a wɔn dodow te sɛ mpoano anwea, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam pii pa ara.


Na wɔn benkum fam hye fi Yordan; na ɔhye no foro fa Yeriko nkyɛn mu benkum fam, na ɛforo kɔ bepɔw no so kɔ atɔe, na ano kodu Bet-awen sare so.


Na Yosua somaa mmarima bi fi Yeriko kɔɔ Ai a ɛwɔ Bet-awen ho, Betel apuei, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ nkɔsra asase no. Na mmarima no kɔe kɔsraa Ai.


Na Midian ne Amalek ne apueifo no nyinaa boaboa wɔn ho ano wɔ obon no mu a wɔn dodow te sɛ mmoadabi, na wɔn yoma nni ano, wɔn dodow te sɛ mpoano nwea.


Ɛnna Samuel kae sɛ: Ɛdɛn na woayɛ yi? Na Saul se: Mihui sɛ ɔman no refi me ho apete, na wo nso woamma bere a wohyɛe no, na Filistifo aboa wɔn ho ano Mikmas,


ɔpaw Israel mu nnipa mpensa fae. Na wɔn mu mpennu wɔ Saul nkyɛn, Mikmas ne Betel bepɔw so, na apem wɔ Yonatan nkyɛn Gibea a ɛwɔ Benyamin; na ɔman a aka no, ogyaa wɔn kwan ma wɔkokɔɔ wɔn ntamadan mu.


Na AWURADE gyee Israel da no; na wɔkoe ara kotwaam Bet-awen.


Na ɔko dennen daa Filistifo so Saul nna nyinaa. Na sɛ Saul hu ɔbarima hoɔdenfo biara anaa obiara a ɔyɛ nnam a, ɔkɔfa no ba ne nkyɛn.


Na Filistifo boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔrebedi ako, na wɔbɛboaa wɔn ho ano Soko a ɛyɛ Yuda dea no, na wɔbɛbɔɔ nsra Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-damim.


Na wɔbrɛɛ Filistifo no ase, na wɔankɔ so amma Israelfo hye so bio; na AWURADE nsa daa Filistifo so, Samuel nna nyinaa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan