Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -




1 Samuel 13:4 - KYERƐW KRONKRON

4 Na Israel nyinaa tee sɛ Saul aka Filistifo bansifo no agu, ne sɛ Israel ama wɔn ho ayɛ Filistifo ahi. Na wohyiahyiaa ɔman no boaa ano, Saul nkyɛn wɔ Gilgal.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Twerɛ Kronkron

4 Na Israel nyinaa tee sɛ Saulo aka Filistifoɔ bansifoɔ no agu ne sɛ Israel ama wɔn ho ayɛ Filistifoɔ ahi. Na wɔhyiahyiaa ɔman no boaa ano, Saulo nkyɛn wɔ Gilgal.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Israelfo nyinaa tee sɛ Saulo atɔre Filistifo asraafo a wɔwɔ Geba no ase, na ne saa nti, Israelfo ho ayɛ Filistifo no ahi. Enti Israel asraafo no nyinaa boaa wɔn ho ano bio hyiaa Saulo wɔ Gilgal.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

New Revised Asante Twi Bible

4 Na Israel nyinaa tee sɛ Saulo aka Filistifoɔ bansifoɔ no agu, ɛne sɛdeɛ Israel ama wɔn ho ayɛ Filistifoɔ ahi. Na wɔhyiahyiaa ɔman no boaa ano, Saulo nkyɛn wɔ Gilgal.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Israelfoɔ nyinaa tee sɛ Saulo atɔre Filistifoɔ asraafoɔ a wɔwɔ Geba no ase, na ne saa enti, Israelfoɔ ho ayɛ Filistifoɔ no ahi. Enti, Israel akodɔm no nyinaa boaa wɔn ho ano bio hyiaa Saulo wɔ Gilgal.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac

KYERƐW KRONKRON

4 Na Israel nyinaa tee sɛ Saul aka Filistifo bansifo no agu, ne sɛ Israel ama wɔn ho ayɛ Filistifo ahi. Na wohyiahyiaa ɔman no boaa ano, Saul nkyɛn wɔ Gilgal.

Faic an caibideil Dèan lethbhreac




1 Samuel 13:4
9 Iomraidhean Croise  

Na Yakob ka kyerɛɛ, Simeon ne Lewi sɛ: Moahaw me ama me ho abɔn wɔn a wɔte asase yi so, Kanaanfo ne Perisifo. Na me de, meyɛ asafo a misua yi, wɔbɛboaboa wɔn ho ano aba me so abekum me, na wɔasɛe me ne me fi.


munse no sɛ: Wo nkoa yɛ mmoahwɛfo fi yɛn mmofraase de besi nnɛ, yɛn ne yɛn agyanom, na moatena Gosen asase so, efisɛ Misraimfo kyi mmoahwɛfo nyinaa.


Na Amonfo no hui sɛ wɔn ho abɔn Dawid no, Amonfo no soma kɔbobɔɔ Bet-rehob Siriafo ne Soba Siriafo paa, anammɔnmufo ɔpeduonu ne Maaka hene nnipa apem ne Tob mmarima ɔpedumien.


na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE nhwɛ mo mmu atɛn sɛ moama yɛn ho abɔn wɔ Farao ne ne nkoa anim, na mode nkrante ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa nkum yɛn.


Na mitwaa nguanhwɛfo no mu baasa kyenee ɔsram biako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahometew, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwini.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnnɛ mapirew Misraim nsopa afi mo so. Ɛno nti wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Gilgal de besi nnɛ yi ara.


Na di m’anim sian kɔ Gilgal, na hwɛ, me nso meresian maba wo nkyɛn mabɛbɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Tena hɔ twɛn nnansɔn kosi sɛ mɛba wo nkyɛn mabɛkyerɛ wo nea yɛ.


Na Akis gyee Dawid dii, kae sɛ: Wama ne ho abɔn ne man Israel pa ara, enti ɔbɛyɛ m’akoa daa.


Lean sinn:

Sanasan


Sanasan